Lirik

Anɔpa Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom "Holy, Holy" Ɛyɛ moma Fa bɔ fam hɔ Akyiriwia (tie), Masalakyi Akɔkoa, me home rete Ɔfrɛ me sɛ, "Kwakye, bankye" Ne ba barima deɛ, ɛyɛ Sweetie Ɔmpɛ m'asɛm da, kankabi Nsuo ankorɛ mmiɛnsa, meretwe Efii a ɛwɔ fam, meretwitwi Ɛnneɛma adeɛ ma, merebɛsi Memposa nwieeɛ a, mennidi Daabi o Nsonsonoeɛ wɔ mu Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso Ɔno deɛ, ne ba aah Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko Ɛrekɔso mmea-mmea Som Nyame Nso ne dɔ ntra ne yam mma Daabi o Anɔpa Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom "Holy, Holy" (Praise Him!) Ɛyɛ moma Fa bɔ fam hɔ Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah) Ɔregu nsa Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (wiɛw!) Ɔwie a Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o) Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom "Holy, Holy" Ɛyɛ moma (mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o) Fa bɔ fam hɔ Akyiriwia, Masalakyi Ɔregu nsa (na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o) Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni Ɔwie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-) Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa Oh-oh Oh, oh-oh Oh-oh Nkyerɛ me sɛ ɔrehyɛ me den Nokware wɔ hɔ, ntoto no ase Deɛ ɔde me reyɛ yi deɛ, ɛyɛ nkoasom Deɛ worekeka yi yɛ mmuammuaso Me ntaadeɛ, ɛfa atete Baabi a meda, ɛhɔ awewe Ɔse, "Wompɛ deaa da abɔnten" Nso nyɛ sɛ ebi a meyɛɛ asoɔden Daabi o Nsonsonoeɛ wɔ mu Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso Ɔno deɛ, ne ba aah Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko Ɛrekɔso mmea-mmea Som Nyame Nso ne dɔ ntra ne yam mma Daabi o Me maame, Maame Dora, frɛ no a Na waka sɛ, me na memmu adeɛ Me nana, Kwakye Barima, deɛ, ɔtu fo o Ɔse mete ne nkyɛn nti 'Yɛ a menya abotare Pam, pam, pa-nah Pam, pam, pa-nah Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn? Pam, pam, pa-nah (uu-oo, oh) Pam, pam, pa-nah (oh) Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn? Anɔpa Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom "Holy, Holy" (Praise Him!) Ɛyɛ moma Fa bɔ fam hɔ Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah) Ɔregu nsa Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (wiɛw!) Ɔwie a Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o) Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom "Holy, Holy" Ɛyɛ moma (mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o) Fa bɔ fam hɔ Akyiriwia, Masalakyi Ɔregu nsa (na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o) Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni Ɔwie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-) Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa Nyamesomfoɔ, montie me o Mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o Na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhunu No o Ɛmma no nyɛ wo yam ba anaa ɔdɔ foforɔ o
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out