Video Musik

Video Musik

Dari

PERFORMING ARTISTS
Kwame Adinkra
Kwame Adinkra
Vocals
COMPOSITION & LYRICS
Luther king adinkrah
Luther king adinkrah
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Kwame Adinkra
Kwame Adinkra
Producer
Luther king adinkrah
Luther king adinkrah
Producer

Lirik

Owoo ne ba a ɔdi kan na
Ɔde no too Maame Yaa
Ɔde no too ne maame
Abusua frɛ no Yaayaa
Ne ba a ɔto so mmienu
Ɔde no too Afariwaa
Agya nso de Yeboah Afari
Ɔda so dɔ no wɔ ne komam
Ne ba a ɔto so mmiɛnsa
Ɔde no too Omanhene
Nana Adusei Atwerewaa Ampem
Ɔyɛ Omanhene wɔ Tepaman mu
Na me deɛ
Mɛhwehwɛ asaase kɛseɛ na mede akyekyerɛ kuro
Na makyekyem borono boronuu
Ɔhemaa tena Ahenbobuano
Meto wo ooo
Meto wo Kropon
Ama anansan nyinaa hunu sɛ ɔdɔ a wodo me no, ɛso aba mfaso, meto wo
Rap
When it comes to ah this thing called love
Yuh know mi already have it
Stock and pile
No man cyan break us apart
Baby girl, mi laugh love you forever
Obiri Komfuo dua kɔɔ Kropon bi mienu so
Ɔyii apayeɛ, gu so nsuo nanso no nyinaa ampatu anifire
Ɔtoo baako Kumawu
Ɔtoo baako Kumasi
Kumawu bɛyɛ Omanhene
Kumasi bɛyɛ Asantehene
Na me deɛ
Mɛhwehwɛ asaase kɛseɛ na mede akyekyerɛ kuro
Na makyekyem borono boronuu
Ɔhemaa tena Ahenbobuano
Meto wo ooo
Meto wo Kropon
Ama anansan nyinaa hunu sɛ ɔdɔ a wodo me no, ɛso aba mfaso, meto wo
Rap
Na me deɛ
Mɛhwehwɛ asaase kɛseɛ na mede akyekyerɛ kuro
Na makyekyem borono boronuu
Ɔhemaa tena Ahenbobuano
Meto wo ooo
Meto wo Kropon
Written by: Luther king adinkrah
instagramSharePathic_arrow_out

Loading...