Letras

Ao, ao, ao, ao, ao, Baako ei, me nko ara mayɛ mmɔbɔ Ao, ao, ao, ao, ao, Baako ei, me nko ara mayɛ mmɔbɔ Ao, Hyɛbrɛ, Kofi Nkrabea Meso me nkrabea na mede nam Nkrabea na meredi no adenden yi Meso me nkrabea na mede nam wiase yi, ao Ɔbaatan biara dɔ ne ba o Me maame ne Eno Ahwɛwuo Ɔhwɛ bra a merebɔ yi a, ɛyɛ a na ɔnte aseɛ o Nti me maame yɛɛ adwen sɛ ɔde me bɛkɔ baabi o Ama makɔhwehwɛ me hyɛbrɛ mu o, ao Nti deɛ edi kan no, ɔde me kɔɔ Mpata, yɛsan kɔsii Mpatrapa Ɔsan de me bɛsene kɔɔ Mpiti, akyire yi yɛkɔduruu Mpitiripi Ɔsan de me bɛsene kɔɔ Mpoti, akyire yi nso yɛkɔsii Mpotiri ti Nso amanfoɔ se ɛyɛɛ deɛn nie Na me hyɛbrɛ yi, yɛnyaa ano aduro? Ao Na baabi ara a yɛbɛduru no nso Asɛm a wɔka kyerɛ yɛn ara ne sɛ Nkrabea wɔ hɔ yi, amanfoɔ, yɛmmɔ no adane o Afei nso, aboa bi reka wo a, ɛyɛ a na ne nyinaa ara firi wo ntomam' Nti yie a manyɛ wɔ wiase yi mu a, mepɛ deaa menkɔbisa ofie nipa, ao Ɔbra na emu nsɛm ayɛ wanyaa sei, ɔbra na emu nsɛm ayɛ torokaa yi? Ɔbra na emu nsɛm ayɛ basaa yi? Ao Ao, ao, ao, ao, ao, Baako ei, me nko ara mayɛ mmɔbɔ Nana Wusu Kofi Nkrabea ei, Kofi ei, mensu pii o Efirisɛ asuo mene wo mpɛn nkron mpo a Ɛyɛ a wotwa no prɛko pɛ Nti m'abɛberɛsɛ yi mu o, m'amanehunu yi mu o Me hia bebereebe yi, mede ne nyinaa ma Twereduampɔn, ao Mekɔ a memma nso yɛ ka no kwantia Na ɔbrɛ a mabɛbrɛ wɔ wiase yi no mu Brɛɛbrɛɛ na sɛ mewu kɔ asamando a Sɛ mɛsam aba bio a menko ara na menim, ao Ao, ao, ao, ao, ao, Baako ei, me nko ara mayɛ mmɔbɔ Ao, Baako ei, me nko ara mayɛ mmɔbɔ Ao, Baako ei, me nko ara na mayɛ mmɔbɔ Ao, Baako ei, me nko ara na mayɛ mmɔbɔ Ao, Nkrabea ei, me nko ara na mayɛ mmɔbɔ Ao, Baako ei-
Writer(s): Nana Ampadu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out