Letra

It's BKZ Music Soro akasa ama chairman, Nyame ei Sunsum frɛ a, Nyame ei Na yɛfrɛ Wo a, ɛyɛ a taa-taa ma yɛ ngyedo o Peter! (Sika nie, Kweku nie) Haadɔ (yie ei, yie ei, yie ei), paaw! It's Apya on the beat Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ a yɛaba Yɛyɛ adeɛ na w'ani ngye ho a, ka w'ano tum (yɛ komm) Yɛkɔ baabi na yɛcause trouble a, yɛayi fumm (yɛkɔ o) Nti sɛ wohu a, fa w'ani hwɛ, mfa w'ano ntom' (yɛ komm) Ɛnyɛ yɛn fault o, biribi rekɔ so Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (nnɛɛmafoɔ, nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (ɛnyɛ yɛn fault o) Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (mm-hmm) Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yɛbu nkotodwe a) Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Awurade o) Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (yie e, yɛnte saa o) Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (bebereebe-bebereebe) Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yie ei) Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Wo o) Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (aah, aah, ei) No matter what you go do, asɛm 'nya asi awie Yɛse mento me bo o, mma menyɛ nkɔ akyire Nnɛɛmafoɔ a aba rushe Anwummerɛ yi, na mereforce Aah, merepɛ saa, menya me ho Bɔne yi nyinaa akyi, Nyame yi koraa na ɛka me ho Mete nkwankwaadua ase, m'adeɛ ara aah na mereyɛ (sawayaba-ya) Meyɛ na sɛ mebɔ fam a, yɛ komm, me ara m'asɛm Mede me tiri pempem, na menya asɛm a, na mada ntɛm Asoɔden ma metwetwem, na mapie aah, Agege Peter antwa w'aso a, Kweku bɛkyerɛ wo shege Yɛrekɔ a, yɛrekɔ a, yɛreba yi (aah) Kakrawa kɔ bebe (aah) Yɛseyɛse mayɛ sei (aah) Nyɛ nea woreka na meretie (aah) Aah, merepɛ saa, menya me ho o Bɔne yi nyinaa akyire, Nyame koro yi ara aah na ɛka me ho Yie ei, merepɛ saa, menya me ho o Bɔne yi nyinaa akyi, Nyame koro yi ara aah na ɛka me ho (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (Peter, ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (yie e, yɛnte saa o) Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (bebereebe-bebereebe) Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yie ei) Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Wo o) Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (aah, aah, ei) Ɛnyɛ me pɛ sɛ mɛyɛ sei o Nnamfofoɔ a mede me ho abɔ ɔmo no ('nyɛ me pɛ ei, 'nyɛ me pɛ ei) Ɔmo na ɛrekyerɛ me kwan no (kwan no, kwan no) Nyɛ neɛ mepɛ na meyɛ Nti sɛ daakye-daakye biara, akonta bi wɔ hɔ a, merekɔbu akyerɛ me Nyame o Me ne No ntam asɛm, ɔdasani biara nnim Ɔbra biara a wobɛhunu sɛ merebɔ wɔ asaase wei so biara Wohu a yɛ komm (yie ei, yie ei, yie ei, yie ei) Sɛ yɛnnom nhyehye, ɛno ne ade a meyɛ o, maba abɛtom (aah) Metwe me ho koraa a, ɛnyɛ yie (aah) Meyi me ho firim' koraa a, ɛnyɛ yie (aah) Asɛm bi na ama no aba saa, nyɛ m'ani aah Mese gyae o (mese gyae me o, na menyɛ akwalaa biom Mente gyae o (wo ne me bɛko o, nanso wo wedeɛm), wo mpom o You say you go tell my mama Deɛn koraa na mayɛ? You say you go tell my papa Deɛn koraa na mayɛ? Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ a yɛaba Yɛyɛ adeɛ na w'ani ngye ho a, ka w'ano tum (yɛ komm) Yɛkɔ baabi na yɛcause trouble a, yɛayi fumm (yɛkɔ o) Nti sɛ wohu a, fa w'ani hwɛ, mfa w'ano ntom' (yɛ komm) Ɛnyɛ yɛn fault o, biribi rekɔ so Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (nnɛɛmafoɔ, nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (ɛnyɛ yɛn fault o) Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (mm-hmm) Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yɛbu nkotodwe a) Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Awurade o) Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei) Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (yie e, yɛnte saa o) Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (bebereebe-bebereebe) Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yie ei) Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Wo o) Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (aah, aah, ei)
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out