Video musicale

NEA ABABIA
Guarda il video musicale per {trackName} di {artistName}

In primo piano

Crediti

PERFORMING ARTISTS
Mama Esther
Mama Esther
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Esther Boakye-Duah
Esther Boakye-Duah
Composer

Testi

Ao, nea aba biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Me nua eh, nea asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi de kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi abɔ kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ao, nea aba biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Me nua eh, nea asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi de kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi abɔ kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae Ɛmmerɛ Yafja rekɔ ko no Ɔhyɛɛ Awurade Nyame bɔ bi Sɔ Ɔdomfoɔ wo de me kɔ Beduru asomdwoe mu a Nea ebepue m'apono ano no Mede bɛbɔ afɔreɛ ama wo o Yafja kɔɔ ko dii nkunim Ɛmmerɛ a ofiri ɛko reba anigyeɛ soɔ no Anwanwasɛm, ne ba baako pɛ o Ɔno na odikan hyiaa, Yafja kwan Yafja ani bɔɔ ne ba no anim ara pɛ Ɔse me ba dɔfo eh, woaha me o Woabrɛ m'ase papaapa Medɔba, woaho me werɛ o Nanso m'abue m'ano ama Awurade eh Me ba, merentumi nsan m'akyi bio o Enti wonsonso nea asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ogyidini eh Nea aba biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Nea asie a, woanni nye ho no Whɛyie na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi de kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi abɔ kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae Eh, y'ate no twerɛsɛm mu sɛ Na Nyame yɔnko paa ne Job o Awurade adi ne ho adanseɛ Sɛ Job di mu, na ɔsɔ n'ani yie papaapa Kae amanenya, ɔkɔm ne sukɔm a Job faa mu wɔ asaase yi so Woampɛaba! Menua, nea asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae Kae Job amanehunu Dakoro ne mma Ne n'agyapadeɛ nyinara firi ne nsa woate? Ayɔnkofoɔ dii ne ho fɛw Ne yere mpo kaa sɛ, wei deɛ Dome wo Nyankopɔn na wu Job ampene na sɛ Akyire nea ɛwhere no nyinara bɔɔ ho maa no a Dɛn na asie menua Nea aba no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Mese Paul kaa asɛm bi Sɛ ɔno deɛ Ɔrena kɔm anaa sɛ adagya o Ɔremma amanenya anaa sɛ nkrantɛ Ntete dɔ a ɔwɔ ma Nyankopɔn mu da Saa ara na meretu wo fo sɛ Ɛmma nea asie kakra yi Ntente saa dɔ yi mu Na Obetumi ahwɛ wo ho Me nua nea asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Aha, abayareɛ Ɛmma wei ntete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Awareɛ ne adwuma ayɛ basaa kakra bi Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi de kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Nea aba biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Nea asie a, woanni nye ho no Whɛyie na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi de kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ Ne asie biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ Ne asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Obetumi de kwan ato baabi a Ɛkwan nna ama wo o Ne asie biara Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ Ne asie no Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out