Crediti

PERFORMING ARTISTS
Yaw Sarpong
Yaw Sarpong
Performer
Asomafo
Asomafo
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Yaw Sarpong
Yaw Sarpong
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Roots Music World
Roots Music World
Producer

Testi

Ao Awurade, m'asɛm bi na mede to w'anim
Ao Awurade, m'asɛm bi na mede to w'anim
Kyerɛsɛ mete hɔ yi, menni obia wonim biribia
Kyerɛsɛ mete hɔ yi, menni obia wonim biribia
M'asɛm a edikan, me srɛ wo gyedie ɔdɔ ne anidaasoɔ
Na m'atumi adi wakyi
M'asɛm a edikan, me srɛ wo gyedie ɔdɔ ne anidaasoɔ
Na m'atumi adi wakyi
Oh Awurade, Bra Boat ɔne no hokani Lucy Konadu Stuttgart
Wɔmo sɛ wɔmo asɛm nyinaa da w'anim
Wɔmo nni obiara, woa na wɔnom hwɛ wo
Ao Awurade, m'asɛm bi na mede to w'anim
Ao Awurade, m'asɛm bi na mede to w'anim
Kyerɛsɛ mete hɔ yi, menni obia wonim biribia
M'asɛm a edikan, me srɛ wo gyedie ɔdɔ ne anidaasoɔ
Na m'atumi adi wakyi
M'asɛm a edikan, me srɛ wo gyedie ɔdɔ ne anidaasoɔ
Na m'atumi adi wakyi
M'asɛm a ɛtɔso mmienu, ma wo honhom krɔnkrɔn mbɛtena me mu
M'asɛm a ɛtɔso mmienu, ma wo honhom krɔnkrɔn mbɛtena me mu
Na sɛ mekɔ awerɛhoɔ mu a, me Nyame ei, abɔ me nkaeɛ akyerɛ me kwan
Na sɛ adwendwen bi tɔ me so a, Ofori Appiah se adi n'anim akyerɛ me kwan
Menim sɛ w'ammɔ ama ɔhaw mu, Satan na ɛsɔ me ahwɛ
Nanso wo maa no kwan fisɛ m'adwane abɛtoa wo
Menim sɛ w'ammɔ ama ɔhaw mu, Satan na ɛsɔ me ahwɛ
Nanso wo maa no kwan fisɛ m'adwane abɛtoa wo
Isaac dii n'agya akyi, ma ɔkyekyere no, sɛ wokum no
Isaac dii n'agya akyi, ma ɔkyekyere no, sɛ wokum no
Na ɛmmre pa mu no, womaa odwan bi firi dɔtɔɔ no mu bae
Na ɛmmre pa mu no, womaa odwan bi firi dɔtɔɔ no mu bae
Ma odwan bi firi dɔtɔɔ no mu mbra, Awurade ɔmmra bɛgye me firi adwendwen yi mu
Soa me wɔ ɔkɔreɛ ntaban so o, na wo nnwom nkoa na mɛto
Ma odwan bi firi dɔtɔɔ no mu mbra, na ɔmmra bɛgye me firi adwendwen yi mu
Soa me wɔ ɔkɔreɛ ntaban so o, na wo nnwom nkoa na mɛto
Ao Awurade, m'asɛm bi na mede to w'anim
Written by: Yaw Sarpong
instagramSharePathic_arrow_out

Loading...