Songteksten

Amerado Yeah Erh-herh Naano menam town ara aah, na metee sɛ obi refrɛ "Braa, iPhone, wontɔ?" Agya, Cocoa kyrakye a maba town Sika no hyɛ me ho pii nti menhwɛ mu nkɔ Mede guy-guy, mese ɛyɛ sɛn? Mesan busaa no sɛ, "iPhone sɛn?" Ɔse, "iPhone XXXX", meteaa mu sɛ, "Aboowa, Joe, gyina nkyɛn! Yɛnka no yie, phone no mɛtɔ Sika no nyɛ problem, price no, bɔ" Ɔse, "5000, but ɔma me handsfree ka ho deaa, 6000 na mɛtɔ" Ɛna guy-guy, meyii sika Ɛhɔ na magye phone no de me nsa ɛrekeka Mechecke hunuu sɛ biribi ara yɛ guy, na phone no yɛ gam IPhone yi, ɛyɛ dope ampa Metuaa no ka, nti ɔdehyɛɛ box mu Ɔse mma memmue so, agye matena bus mu Okuraseni asɛm, mempɛ me ho asɛm, nti At once ara aah, na medehyɛɛ me bag mu Ah, me na merekɔ no Me kuromfoɔ bɛgye me adi, me na mereba no Wotwa baako mpo a five cedi, mese wousu iPhone a sɛneɛ girls no ba no Metenaa carm', megyee front Na mahwe me kiki, but meyii force 'Cause I just couldn't wait to feel my iPhone, na m'ani agye, "Oh, my God!" (Ah) Mebuee so, metee rubber Adeɛ a ɛdi kan na ɛyɛ ne charger Handsfree black na papers beberee bi Phone no ankasa deɛ, na ɛhyɛ under Hm, aha na asɛm no wɔ Deɛ mehunuui no, gyae, na ɛyɛ mmɔbɔ Sɛɛ Keysoap na yɛashape no iPhone ama me, na me 6000 no nso kɔ Buei, yɛapira me Me cocoa sika o, yɛawia me Meyɛɛ fast sii fam sɛ merekɔgye me sika a Meduruu hɔ a, boy no, wadwane, ah Fiti saa da no, mese menkɔ Circle biom (braa!) Me, menkɔ Circle biom! (Deɛ ato me yi?) Mepɛ biribi a, obi rekɔ a na mamane no Me paa ara deɛ, menkɔ Circle biom! Mese menkɔ Circle biom (sister) Me, menkɔ circle biom! (Neɛ mahunu yi?) Mehia biribi a, obi rekɔ a, mɛmane no Me paa deɛ, menkɔ Circle biom (Allah) Efie gya adum, ɔde me sika no adwane, asɛm anya asa Metenaa spot bi sɛ meretwa beer baako apɛ baabi ada, adeɛ anya asa Adeɛ kye a na makɔ me kurom' Meretwa bi na mehuu sɛ kala bi reba o Mesesaa me kasa kaa borɔfo, "Baby, can you join me?" Ɛhɔ ara aah na atɔm', kai! Akye, ɔbaa kɔkɔɔ ate m'ase Merebɛgye agu no so, na me ne no akɔda mpam' Na wama me feelings ahomakye Yah, metwitwaa bi ara aah yɛɛ kama Girl no nso wewee nam kamakama Afei na maboro a na menhunu neaa menyɛ Nti mekakyerɛɛ no sɛ, ɛwɔ sɛ yɛpɛ baabi da Aah, ɔsosɔɔ me mu kɔɔ hotel Ɔse ɔbɛgye me bag, na mancare Mede maa no o, agya, ɔyɛ me girl Ɔnya sɔɔ bag no mu ara na ɔtwaa me peg Uh, yɛaduru hotel, merebɛmiamia Chief driver, merebɛtiatia so Chick yi se menhyɛ hɔ na me ho nyɛ nwunu ansa Mɛba no deɛ na wabiebie so Mewuraa washroom, meyɛɛ no fast-fast Hwiee nsuo guu me ho pepaa fast-fast Sɛnea na ataa me no, girl no matime no Mɛbɔ ne to gya ara ma she go komot heart (aah!) Nana, madware awie Merekɔgyina girl no so, ɔbɛyɛ ayie Sɛɛ me mehyɛ adwareeɛ a meredware Me sika a ɛhyɛ bag no mu, ɔde asɔre apie Buei, yɛapira me! Me cocoa sika o, wawia me Mede mmirika chasee no reception Meduruu hɔ, yɛse no girl wadwane, aah! Fiti saa da no, mese menkɔ Circle biom (braa!) Me, menkɔ Circle biom! (Deɛ ato me yi?) Mepɛ biribi a, obi rekɔ a na mamane no Me koraa deɛ, menkɔ Circle biom! Mese menkɔ Circle biom (sister) Me, menkɔ circle biom! (Neɛ mahunu yi?) Mehia biribi a, obi rekɔ a, mɛmane no Me paa deɛ, menkɔ Circle biom (Allah)
Writer(s): Amerado Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out