Muziekvideo

Nana Acheampong - Nanka Ebeye Den( Audio Slide)
Bekijk de videoclip voor {trackName} van {artistName}

Verschijnt in

Credits

PERFORMING ARTISTS
Nana Acheampong
Nana Acheampong
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Acheampong
Nana Acheampong
Composer

Songteksten

Eh, oh Eh, oh Eh, oh Eh Uuu-uuu, uuu-uuu Na anka ɛbɛyɛ deɛn? Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Ah) Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Uuu-uuu, uuu-uuu, uuu Na anka ɛbɛyɛ deɛn? Wue-wue, wue-wue Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Agyei!) Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Woresu na mereyɛ oooo (uuu) Woresu na mereyɛ aah (uuu, uuu) Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? W'ani abere wo ho koraa no, na meredɔ no more (uuu) Woreka no koraa no, na meredɔ no more, more (uuu-uuu) Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Wue-wue, wue-wue, wue-wue Yeah Ɔbaa a mepɛ no ara na manya no yi aah Saa 'baa yi ara na mɛware no aah Neɛ ɔnte aseɛ nkɔ wu o, yo, yo Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Ewiase mu, hwan na ɛmpɛ adepa? Ɔbaa pa sei deɛ, hwan na ɛbɛnya? Ne ho ɔ'fɛ nso ɔbu adeɛ o Mese mente ne ho gyae o Adeɛ a mepɛ nso na mepɛ o Mentumi nyɛ ho akwadworɔ da Me yere wei ara na mereware no awu o Obi abaayewa abanaba ei Mese girl wei ara na mɛware no Neɛ ɔnte aseɛ pɛ a, ɔnkɔ nkɔwu ɛ Na anka ɛbɛyɛ deɛn a? Woresu koraa, na meredɔ no more Sɛ mewɔ sika a, nka mɛsi dan akyɛ no o Menya sika a, mɛtɔ ntoma pa ama no aah Wei na wonte aseɛ a, twa wo yam ɛ Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Naa Akyaa ara aah na medɔ no o Obaa Aggie ahoɔfɛdua ei Ne suban pa nti na mereware no ei Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya Woka yɛn dɔ yi ho asɛm deɛ a, na meredɔ no more Woreka no koraa no na meredɔ no more, more Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Wue-wue, wue-wue, wue-wue Yeah Obi abaayewa, manya me kunu, na adeɛn? Manya me barim' pa na momma m'aso mu nnwo me Barima ɛ'na se ɔne me bɛwu a Me nso so mate aka ne so o Ewiase yi mu, obi dɔ nyɛ obi dɔ nti no Ɔno ara na mese medɔ no a, momma mendɔ no ɛ Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya aah? Woresu koraa na meredɔ no more Obi dɔ obi a, mese obi nte aseɛ aah Mese barima wei ara na mepɛ aah Ɔnni bi nte na yɛnyɛ deɛn? Ɔdɔ, ɛnnim sika o Bechem Akyaa se 'yɛ a momma n'aso mu nnwo no Moma n'asom' dwo no a, na woama ne ho nso atɔ no Ɛmfa no nyɛ tweapea ntena wo fie Ɛnwe no anɔpa, awia ne anwummerɛ o Na adeɛ ɛ'dɛ se ɔne me bɛwu a Boo, boo, boo, me nso me ne no bɛwu aah Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Owoahene Acheampong ara aah na medɔ no Enti neɛ obi bɛka biara, menteeɛ o Iron Boy, abanaba ei Ɔni awo no ama me a Mese, manhu no a, meda a ɛnna o Na wo nso-so-so-so-so-so se me ne no nnyae Merennyae, na menkɔwe aduaba bɛn aba aah? Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Woka yɛ dɔ yi ho asɛm a, na meredɔ no more Woreka no koraa no na meredɔ no more, more Uuh uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei Ei, oh Ei, oh Ei, oh Ei Nana, m'adwuma a mereyɛ yi yɛ Onyame ama, wae Me nnwomtoɔ yi, mansua no baabi ara Ɛyɛ akyɛdeɛ a, Nana Onyame de kyɛɛ me o Enti wotan me ho a, wotan me kwa o Woto me tuo a, wosɛe w'akoraboɔ, wae Efiri sɛ, deɛ Onyame ahyira no no na Wahyira no, wae Ɔtamfo ntumi nsɛe no Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ o Ɛkaa obi nko ara, na anka mawu Ɛkaa obi nko ara, na anka masɛe Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Wosu koraa a, me ara na merekorɔ Nana, na meka a, na against adwa Nana, nanso m'adɔfo ti a, na yɛn ani agye o Sɛ wo na wɔnnɔ me a, obi dɔ me, wae Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Yie ei Me ne wo ara na ɛyɛ adwuma baako Na ɛkaa wo nko, na me deɛ, me deɛ nsɛe Nana Nyame nso mpɛ w'adwene bɔne nti Wahyirahyira me ama no akɔ wo ho Afei na wohu me a, na wo yam Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ o Wote me din a, na wo yam gye wo hyew Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ aah Pɛ me sɛeɛ ei, wobɛbrɛ o Ɔpɛmesɛeɛ ei, wobɛbrɛ aah Na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Wotwe wo mu koraa a, Nana ara aah na ɛrekorɔ Ama Amponsah wɔ hene aah? Ampaame Broni na merefrɛ no aah Charlie Pee Ahoɔfɛdua Kumasi Krofuom, na wowɔ o Ɔyɔnko pa, Mike ei Hamburg abɔnten na ɔwɔ a Asante Ahenkuro na ɔfiri Mike se, "Nka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?" Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei Na anka ɛbɛyɛ deɛn? (Agyei!) Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Aah) Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei Na anka ɛbɛyɛ deɛn? Uuu-uuu, uuu-uuu Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Agyei!) Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Woresu na mereyɛ o (uuu) Woresu na mereyɛ aah (uuu, uuh) Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? W'ani abre wo ho koraa no, na meredɔ no more Woreka no koraa no na meredɔ no more, more Uuh, uuh, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei, yie ei Na anka ɛbɛyɛ deɛn? (Yie ei!) Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Aah) Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya? Uuu-uuu, uuu-uuu Na anka ɛbɛyɛ deɛn? Yie ei, yie ei, yie ei, yie ei Na anka ɛbɛyɛ deɛn aah? (Agyei!) Uuu, uuu, na anka ɛbɛyɛ deɛn na ayɛ wo ya?
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out