Music Video

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Hannah Marfo
Hannah Marfo
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Hannah Marfo
Hannah Marfo
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Stephen Dwomoh
Stephen Dwomoh
Producer

Lyrics

Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso Nnipa nyinaa resom Nyame Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso Obibiara pre hwehwɛ Onyame Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ Mmɔfra nyinaa Mmɔfra nyinaa resom Nyame Mpanin nyinaa Mpanin nyinaa resom Nyame Mmabaawa nyinaa Mmabaawa nyinaa resom Nyame Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ Mmɔfra nyinaa Mmɔfra nyinaa resom Nyame Mpanin nyinaa Mpanin nyinaa resom Nyame Mmabaawa nyinaa Mmabaawa nyinaa resom Nyame Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ Ɛyɛ m'anigye sɛ ɔse me sɛ Hannah bra na yɛnkɔ Onyame fie Onyame mete ne nka akyɛ Mete Ne din na meyɛ abɔfra Nnipa nyinaa bɔ Ne din kasa Nkɔmmɔ biara nni hɔ a Ne din nni mu Ebi se Nyame yɛ ɔdɔ Ebi se Nyame yɛ Ɔbatanpa Ebi se Nyame adi wɔn asɛm ama wɔn Ebi se Nyame yɛ Okokroko Ebi se Nyame yɛ Ɔsahene Ebi se Nyame yɛ Odimafo Ebi se Ɔnpɛ ntɛm mmu atɛn Ebi se Nyame yɛ mmɔbrɔhunufoɔ Ebi se Nyame yɛ Ɔnwanwani Ebi se Nyame yɛ Ɔdomankoma Ebi se Ɔkasa a obi nka bi Tetekwaframoa Nyame no no Ebi se Nyame yɛ prɛkɛsɛ gyamaadu Ɔfiti kurotia a Ne ho bɔn afie mu Ebi se Nyame yɛ Ɔdomfo Ebi se Nyame yɛ Ɔmmɔbrɔhunufoɔ Ebi se Nyame yɛ Patako Patako agye ko abɔ Ne bo Ɔkofoɔ gyefo Nyame Tete kɔtwere Nyame Aww yɛn Nyankopɔn Yɛnyae Wo din bɔ da biara da Akɔmfoɔ adaada yɛn Adunsinfoɔ adaada yɛn kwa Ɛnnɛ deɛ yɛda Nyame ase Sɛ W'ama y'ahu wɔn to Ɛnnɛ deɛ nkanyan asi Obi biara bɔ ne ho mmɔden Obiara yɛ n'afam deɛ Ɛde aboa Onyame adwuma Mmerɛ bi atwam no Nanka ahiafoɔ na som Nyame Nanka ntetekwa, awiemfoɔ na ɛsom Nyame Nso ɛnnɛ deɛ ɛnte saa Obi biara sua Nyame asɛm Ɛbɔ mpaeɛ oo Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhu Nyame yie Ɛnnɛ lɔyafoɔ resom Nyame Nɛsefoɔ resom Nyame Dɔktafoɔ resom Nyame Gyɛgyefoɔ resom Nyame Polisifoɔ resom Nyame Adehyeɛ resom Nyame Ɛno nti na ama Nyamesom ayɛ dɛ Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso Nnipa nyinaa resom Nyame Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso Obibiara pre hwehwɛ Onyame Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ Mmɔfra nyinaa Mmɔfra nyinaa resom Nyame Mpanin nyinaa Mpanin nyinaa resom Nyame Mmabaawa nyinaa Mmabaawa nyinaa resom Nyame Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ Obiara resom Nyame Obi biara resom Nyame Nnipa nyinaa resom Nyame Obiaa som Nyame Obiara resom Nyame Obi biara resom Nyame Nnipa nyinaa resom Nyame Obiaa som Nyame Obiara resom Nyame Obi biara resom Nyame Nnipa nyinaa resom Nyame Obiaa som Nyame Obiara resom Nyame Obi biara resom Nyame Nnipa nyinaa resom Nyame Obiaa som Nyame Obiara resom Nyame Obi biara resom Nyame Nnipa nyinaa resom Nyame Obiaa som Nyame Obiara resom Nyame Obi biara resom Nyame
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out