Music Video

Agatha - African Brothers Band International (1981)
Watch {trackName} music video by {artistName}

Credits

PERFORMING ARTISTS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Songwriter

Lyrics

Agatha, Agatha Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim) Mentumi ntena o (Agatha ei, hwɛ m'anim) M'ani agyina wo o (Agatha ei, hwɛ m'anim o) Me deɛ mentumi ntena wai (Agatha ei, hwɛ m'anim) Aah, merewu! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ekuwa Agatha ei (ao, Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Mehunuu no no, na ɔgyina dodoɔ mu, Agatha ei Ɔno nko ara nso na mehunuu no, 'ɔyɛ' ɔdɔ ntia Mehunuu no, me yam hyee me, ɔdɔ bɛn ni aah? Memiaa m'ani frɛɛ no, ɔgyee me so Ɔba bɛtiee me, mebisaa ne din Ɛna ɔkyerɛɛ me sɛ ɔde Agatha o, obi ba Yɛwoo no Wukuada nti, memfrɛ no Ekuwa o, obi ba Mede too n'anim, "Agatha ei, medɔ wo o, obi ba" Ɔno nso de sereɛ, ɔpenee so maa me o, obi ba Na ɛyɛ anadwo nti, yɛyɛɛ no sɛ yɛde bɛhyɛ anɔpa, mmm Agatha hyɛɛ me bɔ sɛ adeɛ kye anɔpa a Ɛbɔ nnɔn nkron a, ɔbɛba abɛfa me Menkɔhwɛ ne fie, ɔmaame wɔ hɔ Menkɔhunu ɔmaame, sɛ medɔ no a Menkyerɛ ɔmaame, nteaseɛ bɛyɛ n'adwuma Ɛnam ɔdɔ nti, ɔmaame bɛpene so o, ɔdɔ nti Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim) Mentumi ntena o (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim) Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim) Me deɛ mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim) Agya-ei, merewu! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ɔdɔyɛwu ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ɔdɔ bi yɛ owu (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Agatha Adeɛ kyee anɔpa, me ampa ara aah Agye sɛ awia akyere agyen soɔ no ɛna mesɔreɛ no Nnɔn nson ammɔ o, madware asera o Meretwɛn Agatha o, obi ba Nnɔn nwɔtwe bɔɔeɛ a, Agatha mmaaeɛ Abɔ nnɔn nkron, Agatha mma Nnɔn nkron ne fa abɔ o, me dɔ yi mma Afei deɛ na me ho repere me, mmm, ɔdɔ bi ni? Mebisaa n'ase mehunuu n'adwumam' Enti mesii mu sɛ merekɔhwehwɛ Ekuwa N'adwuma mu kwan ware, taxi mfa me nkɔ ɛ Magyina agyina agyina ara aah, taxi mma Enti meyɛɛ no sɛ, mede bɛto fam Ɔdɔ bi deɛ saa ara, sɛ ɛtwetwe wo a, wonnim baabi a wonam, mmm Manante anante anante, agyaei Mfifire na ɛrete me yi, ɛnso mempopa Awia yi nso rebɔ paa ara, ɛnso mete brɛ o, ɔdɔ nti Na mekɔɔ Agatha adwuma mu a, manto no o, obi ba Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim) Mentumi ntena o (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim ɛ) Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim) Buaka Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim) Aah, merewu, wai! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ɔdɔyɛwu ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Agatha Monhwɛ ɔdɔ asɛm! Sɛɛ mekɔɔeɛ ara aah pɛ, Agatha abɛsi m'akyi Menni hɔ a ɔbɛtwɛn Dɔnhwere baako akyi, mekɔtoo ɔdɔ Ɔde me kɔɔ fie kɔkyeaa ɔmaame Ɛna yɛmaa me akonnwa, yɛbisaa me kwan so Mebɔɔ m'amaneɛ sɛ, "Enowaa, ɛnyɛ bɔne Mabɛhunu Agatha, ɛna medɔ no" Ɔno nso se ne biribi ara ne wo, firisɛ ɔyɛ agyanka Enti na maba yi, ɔdɔ nti ara aah na menam, obi ba Agatha maame ɛde too m'anim sɛ "Nana ei, Nana ei Me ba ne Agatha, na me ba wɔ hɔ yi Ɔnhia biribi ara o Ɔnhia biribi ara o, ɔdɔ nko ara na ɔhia o, me ba yi Enti asɛm papa, Agatha dɔ wo a ɛne no ntena Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim) Ekuwa Agatha ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim ɛ) M'ani agyina wo beberee (Agatha ei, hwɛ m'anim) Agyaei, merewu wai! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ɔdɔyɛwu ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Agatha siesiee me, ɔmaa me aduane Medidi wieeɛ no, yɛtwetwee nkɔmmɔ Ɛnyɛ nkɔmmɔ ketewa, nkɔmmɔ dɛɛdɛ bi o, wui! Merekra no akorɔ noɔ ara aah, obi mpɛ ani mmɛhwɛ Agatha ani nisuo waa, mepata no a ɛntentam Ɔdɔ se ɔne me bɛkɔ, yie ei, ɔdɔ bi yɛ owuo Ɔdɔ bi yɛ owuo, ɔdɔ bi yɛ owuo, aah! Me nso megyaa no no a, mekɔduruuiɛ no Ɛdeɛn asɛm ni? Aah, ɔdɔ bɛn ni aah, mmm? Agatha ho adwendwen, mayɛ basaa Mentumi nnidi, meda a menna Mekasa a na m'ano refomfom, mayare awerɛfie Ɛnneɛ mɛsan akɔ ɔdɔ hɔ, yie ei, ɔdɔ bi ni! Enti mesomaa Kwabena Osae sɛ "Agya Osae ei, kɔse Agatha ma me, na m'asɛm ara ne sɛ Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim) Mentumi ntena o (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim) Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim ɛ) Nzema Kɔtɔkɔni ba (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ɔdɔyɛwu ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ɔdɔyɛwu ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Ao, ɔdɔ nko ara (Sister Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Mereba ɔkyena nko ara (ao, Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba) Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Writer(s): Nana Kwame Ampadu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out