album cover
Bra
2,190
World
Bra was released on April 15, 2018 by BLMC as a part of the album Highlife Konnect
album cover
Release DateApril 15, 2018
LabelBLMC
Melodicness
Acousticness
Valence
Danceability
Energy
BPM97

Credits

Lyrics

[Verse 1]
Mm, me dɔ
Ɔdɔ pa bi refrɛfrɛ wo, ɔdɔyɛwu ei
M'ahoma teaa
Me dɔ mu kanea, ɛdeɛn na ɛrekɔ?
Ɔdɔ, meretwerɛ wo krataa yi a, kyerɛ sɛ
M'ani agyina, meresu me mu
Me nko ara na meda mpa yi so
Wo ho adwendwen adane daeɛso
Ɛbɛyɛ a, twe mmerɛ no bra akyire, wae?
[Chorus]
Ɔdɔ, wote me nka a, ɛyɛ a, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (Woakyɛ o)
Kae sɛ wo dɔfo bi resu o, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (Woakyɛ ei)
Mabrɛ ne afrɛfrɛ o, mafrɛfrɛ woakyɛ
Woakyɛ (Woakyɛ)
Sɛ woba a bɛpepa m'anim nisuo, na masu akyɛ
Masu akyɛ o, yeah, yeah, yeah
[Verse 2]
Sɛ menam a, 'yɛ a mete wo nne
Medan m'akyi a, mframa mbɔ me
Da biara, mede no mpaebɔ nko ara
Sɛ obi mmɛsa m'akoma yi yareɛ
Baabi a mekɔdaaeɛ no, menkɔda hɔ biom ɛ
Sɛɛ daeɛ nko ara
M'ani so tee me a, sɛɛ dan no mu ayɛ dinn
Nti ɔdɔ, me dɔ
Ɛnhwɛ w'akyi o, na biribiara nkɔ
All I want is you coming back to me
[Chorus]
Ɔdɔ, wote me nka a, ɛyɛ a, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (Woakyɛ)
Kae sɛ wo dɔfo bi resu o, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (Woakyɛ ei)
Mabrɛ ne afrɛfrɛ o, mafrɛfrɛ woakyɛ
Woakyɛ (Woakyɛ)
Sɛ woba a bɛpepa m'anim nisuo, na masu akyɛ
[Verse 3]
Ɔdɔ, ɛnkyɛ ba
'Yɛ a mentumi, 'yɛ a m'akoma retosstosse me
Menkɔ ha anaa menkɔ ha?
Mentumi ntena, anaa memfiri wiase yi mu, na mabrɛ
Me dɔ, ma me sign sɛ woreba o, na merewu
Sɛ woamboa me na Nyame ampata a, ɔbaa, woaha me ei
Woaha me o, ɔdɔyɛwu ei
Bra ntɛm, ɔdɔ bi retwɛn wo o
Yɛ ntɛm (Ntɛm bra o)
Obi dehyeɛ ei, matwɛn abrɛ o (Meretwɛn wo o, oh)
Nsuo kyɛ wɔ kokoɔ mu a, ɛpae o
Nti mɛmma me biribi mbɔ me na matwɛn abrɛ o, na awɔsene yi
Woammoa me na Nyame ampata a, ɔbaa, woaha me o (Woaha me o)
Mese Obidombie, wo dɔ nti ei, mentumi mfa me dɔ no nsie
Ɔdɔ nhyira no, ma ebi nka me na menya awerɛkyekyerɛ o, me dɔ
[Chorus]
Ɔdɔ, wote me nka a, ɛyɛ a, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (Woakyɛ o)
Kae sɛ wo dɔfo bi resu o, ma me mmuaeɛ
Woakyɛ (Woakyɛ ei)
Mabrɛ ne afrɛfrɛ o, mafrɛfrɛ woakyɛ
Woakyɛ (Woakyɛ)
Sɛ woba a bɛpepa m'anim nisuo, na masu akyɛ
[Outro]
Pepa m'anim nisuo, oh, oh
Pepa m'anim nisuo, oh, oh
Written by: Abraham Adjetey Lomoh, Derrick Abaitey
instagramSharePathic_arrow_out􀆄 copy􀐅􀋲

Loading...