album cover
Crazy
1,642
World
Crazy was released on August 1, 2007 by 4 Reez Westside Entertainment as a part of the album Meprawo
album cover
AlbumMeprawo
Release DateAugust 1, 2007
Label4 Reez Westside Entertainment
Melodicness
Acousticness
Valence
Danceability
Energy
BPM117

Music Video

Music Video

Credits

PERFORMING ARTISTS
Ofori Amponsah
Ofori Amponsah
Performer
Meprawo
Meprawo
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Ofori Amponsah
Ofori Amponsah
Composer

Lyrics

Obi nsoeɛ me ɛ, na me kɔn mu rebu, ao
Obi nsoeɛ me ɛ, na sɛɛ ɔdɔ mu ɔ'du, ao
Agyaei! Sɛɛ na etumi sisi aso, Ofori ei?
Manhu ɔbaa yi deaa nka mannye anni, ao
Apɔnkyerɛni, metɔɔ nsu foforɔ mu ansa
Na mennim da koraa sɛ nsuo bi ɛ'hye, ao
Ɔbaa bi dɔ akyekyere me, akyekyere me
Akyekyere me, akyekyere me
Ɔbaa bi dɔ akyerkyere me a mete me ho a, ɛnte, Ofori ei!
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori rewu o)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Koo Fori rewu, ao)
Crazy
I'm going crazy, crazy
Merebɔ ne ho dam (crazy)
I'm going crazy, crazy
Merekɔ crazy, merebɔ ne ho dam (crazy)
Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa ei
Abeam ei, Kwaa Fori se ɔdɔ wo, ao, ɔdɔ ei!
Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa ei
Ɛda no a mehyiaa no ara aah, me yam hyee me o
M'ani tɛ, tɛ, tɔɔ no so ara na mese, "Hmm, ɔdɔ kan bi ni!"
Mepinkyɛnn no, bisaa no, ɔse ɔde Dansowaa, Abeam ei
Masoa nsuo, asoa nsa, na ɔdɔ yi deɛ, na emu ɔ'du
Ne se fitaa a ɔde sere kyerɛɛ me ara pɛ
Meyɛ nkuto a nka Kwame ei, menanee o
Menyaa ntoboaseɛ kasa kyerɛɛ no, ao, hmm
Sɛ, "Abeam ei, na ɔdɔyɛwu, merewu, ao!"
Ɔno nso ampopo ne ti, ne ɔdɔ bi, ɔdɔ rewu ara, eh
Matɔ me ntentan mu a, momma menna mu ɛ, Ananse ei
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori rewu)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa Fori dɔ yi ara aah, merekɔ)
Crazy, crazy
I'm going crazy
Merebɔ ne ho dam (crazy)
Merekɔ (crazy, crazy)
I'm going crazy
Merebɔ ne ho dam (crazy)
I'm going crazy
Merekɔ crazy
Manya ɔdɔ mu, ao, ɔdɔ kan, Ofori ei
Merebɛbɔ ne din badwa o ama obiara ate, ao
Ofori ei, wo dɔ ne hwan? (Akua Frimpomaa)
Ofori ei (Akua Frimpomaa)
Ofori ei, wo dɔ ne hwan? (Akua Frimpomaa)
Ne dɔ akyekyere me ao, hmm, Ofori ei
Kofi ei, wo dɔ ne hwan? (Abena Nyarkowaadeɛ)
Kofi ei (Abena Nyarkowaadeɛ)
Kofi ei, wo dɔ ne hwan? (Abena Nyarkowaadeɛ)
Ne dɔ akyekyere wo, ao, hmm, ɔsɔɔnɔ ei
Crazy
I'm going crazy
Merekɔ crazy
Mabɔ ne ho dam (crazy)
I'm going crazy
Merekɔ crazy
I'm going crazy
Mabɔ ne ho dam (crazy)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (hmm)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori ei)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa Fori dɔ yi ara o)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (ɔdɔ ei)
Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o)
Crazy
I'm going crazy
Going crazy
Merebɔ ne ho dam (crazy)
I'm going crazy
Merekɔ crazy
I'm going crazy
Merebɔ ne ho dam (crazy)
I'm going crazy
Ei (crazy)
I'm going crazy
Mabɔ ne ho dam (crazy)
Merekɔ crazy, crazy
Written by: Ofori Amponsah
instagramSharePathic_arrow_out􀆄 copy􀐅􀋲

Loading...