Lyrics

Yɛntɔ nsa nhyira yɛn busuefoɔ ei Nanso me mpaeɛ ne sɛ, "Nyame nto m'atanfo nna mu o" Neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o ei Na wahunu me nkɔsoɔ, ama wɔagye adi sɛ oh Nyame si wo hene a, me ba Fosu ei Ɔtanfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di, Gye di, gye di, agye Nyame nko ara Tie me tanfo, mma w'ani mmere me o (hyɛ den, hyɛ den) Enti me tanfo ei (hyɛ wo ho den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ den, hyɛ den, agye Nyame nko ara) Tie me tanfo, mma w'ani mmere me ao (hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) Oh, yɛnhyira yɛn busuefoɔ da o Nanso me mpaeɛ ne sɛ, "Nyame nto m'atanfo nna mu ao" Neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o ei Na wahunu me nkɔsoɔ, ama wagye Nyame adi sɛ oh-oh ei Nyame si wo hene a meba Fosu ei, deɛ Na ɔtanfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di Gye di, gye di, agye Nyame nko ara Tie me tanfo, mma w'ani mmere me ao (hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre ao (hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) Mete so, mete so, mete so, eh Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre ao (hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame) oh (nko ara) Momma me sapɔ ne samina o ei Na mennware me ho fi, wɔ badwa mu ao Ɛwɔ amansan anim wai Sɛ mede nkontompo agye obi adeɛ da a Yie, mesi ho mmɔho mmɔho wɔ Awurade anim oh, yei yie Nti me papa a meyɛɛ amanfoɔ nyinaa Ɛho nnaaseɛ ne animguaseɛ deɛ a Mehyira mo kosɛkosɛ o Anka menyaa kɛterɛma apem ei Na manenanenam afie mu o, mayi m'ano akyerɛ amansan nanso Nea yɛasɛe me akɔduru no o, ɛnsan nkɔduru a Kwadwo ei, medi ho yaw beberee Nti medeɛ me mpaeɛ a mebɔ ne sɛ Nana Nyame nto m'atanfo nna mu ao, Kwadwo ei Sɛ nea nkyɛnkyɛ wɔ n'afe nti, obiara bɛhunu bibiara mu nokore oh, oh Sɛ menni fɛw ao, yie, m'Awurade anim o Tie me tanfo ei, mma w'ani mmere a (hyɛ den, hyɛ den) Ghanafoɔ kyiri ɔmama o (hyɛ wo ho den) Nti gyedi sɛ eh (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) Ao me tanfo ei, me tanfo, mɛbrɛ wiase o (hyɛ den, hyɛ den) Boniayɛfoɔ ɛ? (hyɛ wo ho den) Wiase yi mu, adidi daa na ɛyɛ o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) Aprapra nwowa nso ei, mese m'anum dɛ ntira o, oh Amansan yɛɛ o, Kwadwo, ei Medeɛ mea? Madi hia pɛn ao oh oh medeɛ mea? Mesan de akoma pa mawe o, Ama Saa woaha me o, ah Mehunu sɛ obi ho rekyerɛ no a, na ɛyɛ me sɛ nea menyɛ nea mɛtumi biara Ɛnfa moa amansan a, Nso papayɛ a meyɛ amanfoɔ nyinaa Animguaseɛ na megyeɛ o, ɛwɔ amansan anim a Ɔberempɔn bɛn na wansisi aman mu a, a moangu n'anim ase o Nti ɛnyɛ me nwanwa beberee Anokye duaa borɔdeɛ anka ɔtwa no da no ara o Anwanwadeɛ bɛn na wanyɛ a, ɔyii sika dwa maeɛ o, Asanteman Ɛnso ɔse ɔrekɔgye awieɛ aduro aba a Yie, ɔkɔeɛ na sɛ wamma biem a, Ghanaman yɛ nyaa bi kaeɛ o Menim sɛ me ne m'Awurade ntam yɛ kwan Mo a monam aseɛ moregu m'anim ase nyinaa ah-ei Atanfo ei, hyɛ den, hyɛ den, agye Nyame nko ara Tie me tanfo ei, mma w'ani mmere a (hyɛ den, hyɛ den) Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ wo ho den) Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) mete so Mete so, mete so ei, Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei, mete so o (hyɛ wo ho den) Wonte aseɛ a wobrɛ kwa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nkoara) Dan Baafi ei (hyɛ den, hyɛ den) Ɔmama ho ahi kwa o (hyɛ wo ho den) Wose wobɛgu n'anim ase a, oh (hyɛ den, hyɛ den) (Agye Nyame nko ara) yie Menua Fosu ei (hyɛ den, hyɛ den) Sefwi ni abranteɛ ei (hyɛ wo ho den) Maame Serwaa ei, woboɔ nie o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei (Agye Nyame nko ara) mete so Mete so, mete so ei Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den) Mete so ei Lumba ei (hyɛ wo ho den) Wonte aseɛ a woberɛ kwa (hyɛ den, hyɛ den) (Agye Nyame nko ara) mete so Mete so, mete so ei Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den) mete so ei Lumba ei
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out