Lyrics

Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi kwa o Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara Ebi se wode biribi na ayɛ me o, mmm Ne nyinaa ara yɛ kowaa Kwadwo Fosu ara na me ne no bɛwu ɛ Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o Mese, dansiamoa ei, yeah Ɔdɔ bi ɛ'dɛ o, dear eh Eboo, na mese manya nam dɛ nyinaa Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko o Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi woate Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara Ebi se wode biribi na ayɛ me a, mese Ne nyinaa ara yɛ kowaa Maame Sɛɛwaa no ara na me ne no bɛwu o Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o Mese, dansiamoa ei yeah, yeah Ɔdɔ deɛ na dwoo dwoo o, dear eh Agya ei, na mese manya nam dɛ nyinaa (Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko o) Daddy Lumba paa, na me dɔ yi paa deɛ Whoa Ɔdɔ atwerɛ ne din wɔ m'akoma pono so Me dɔ nyinaa wɔ 'ne' nko ara hɔ Ɔbaa, na ɛnyɛ w'ahoɔfɛ o mese Na ɛnyɛ ne sika nsoso a Na mmom ei, ɛyɛ ɔdɔ ara na medɔ no o Wiase yi mu, ɔdɔ deɛ ɛyɛ 'wuo woate Mehu' no a, na mahunu ɔdɔ Menya anigyeɛ soronko bi Agya ei, na me dɔ Kwadwo Fosu paa deɛ Ɔnka me ho a meyɛ a ɛnyɛ yie woate, ah Ɔdɔ bi ɛ'dɛ o Manhu' wo a nka mennim sɛ, sɛɛ ɔdɔ bi ɛ'dɛ saa Daddy, wo nkyɛn na mɛwu mada Bɔ me ɔdɔ nkɔmmɔ na sere kyerɛ meaa Firisɛ ɔdɔ kɔ deɛ ɔdɔ wɔ woate Ɛkaa ase nko ara nka onyina mmu Ɛkaa ɔtamfo nko ara nka yɛasɛe Biribi ara nni hɔ a ɔdasani bɛtumi ayɛ wiase yi mu a Ɛbɛtumi atete me ne ɔdɔ ntam' Ɛnkosi sɛ ɛpo bɛgyae asorɔkye bɔ deɛ Me dɔ nyinaa ara wɔ wo nko ara Ɛnkosi sɛ ɛda a owia biara mpue biom Me dɔ nyinaa ara wɔ wo nko ara Ɛnkosi sɛ 'akoraa' biara nsu biom wɔ asaase yi so Me dɔ nyinaa ara wɔ wo nko ara Ɛnkosi sɛ na nsuo po o, ɛpo 'bɛba' abɛda Asanteman mu deɛ Maame Sɛɛwaa ei, meda hɔ mema wo nko ara o Maame, ɔdɔ na medɔ wo o, me hemaa o Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi woate Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara Ebi se wode biribi na ayɛ me a, mmm Ne nyinaa ara yɛ kowaa Maame Sɛɛwaa no ara na ɔne me bɛwu o Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o Mese, dansiamoa ei yeah, yeah, ah Ɔdɔ deɛ na dwoo dwoo o, dear ei Eboo, na mese manya nam dɛ nyinaa (Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko o) Daddy Lumba paa, na me dɔ yi bɛkumi o Ah Agya ei, Nana Yɛntete againstfoɔ no akoma Ɛnhye wo Ɛberɛ a mmerɛkɛnson bɛsi ne tiri aseɛ no Na ɛwɔ nea asaase reka akyerɛ no Seisei a merebɔ ɔdɔ din deɛ Ebi a na, na obi nkɔte aseɛ a Me dɔfo yi ho asɛm, yɛnka no deɛ ɔnim ao Ɔdɔ fitaa sɛ asaawa Mese 'ɔnna' na wada Sɔre a na wasɔre o Ɔdɔ nso se yɛnkɔ a na yɛrekorɔ o Ɔdɔ ne nteaseɛ reyɛ n'adwuma Mempɛ wei na deɛn koraa na mepɛ biom a? Ɔdɔ m'akoma nyinaa wɔ wo o Sɛkyerɛni ba Fosu paa ara deɛ Mese ɔdɔ ara na medɔ wo o Kwadwo Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi kwa o Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara Ebi se wode biribi na ayɛ me o, mmm Ne nyinaa ara yɛ kowaa Kwadwo Fosu ara na ɔne me bɛwu o Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o Mese, dansiamoa ei, yeah Ɔdɔ yi deɛ na dwoo dwoo o, dear ei Me na mese manya nam dɛ nyinaa Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko Maame Sɛɛwaa wo dɔ yi bɛkumi o Ɔdɔ ara na medɔ wo o Nsutahene, wo nana yi paa ara deɛ Ɔdɔ ara na medɔ wo o Nsutahene Sakyi, wo nana yi paa deɛ o Ɔdɔ ara na medɔ wo o Asuoba Adadzewa, wo nana yi paa o Ɔdɔ ara na medɔ wo o Kwame Boat, wo ba baa yi paa ara deɛ Ɔdɔ ara na medɔ wo o Abena Adwo, me ne wo ba baa yi nko ara deɛ o Ɔdɔ ara na medɔ wo o Ejisu Yaa Boɔ ei, wo nana ba baa yi Ɔdɔ ara na medɔ wo o Kwadwo Fosu ei, wo ba barima yi paa deɛ-ei Ɔdɔ ara na medɔ wo o Ɛyɛ a na ebi se ɛyɛ aduro bi kwa o Ɔdɔ ara na medɔ wo o Ebi se wode aduro bi na asɛe me o, saa Ɔdɔ ara na medɔ wo o Ɔsɛe Kwame ei, Akua Sɛɛwaa se Ɔdɔ ara na medɔ wo o Sister Abena ei, Captain Harry se Ɔdɔ ara na medɔ wo o Ɛyɛ a na ebi se ɛyɛ aduro o Ɔdɔ ara na medɔ wo o Ebi se wode biribi koraa na asɛe me wai Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out