Music Video

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Mama Esther
Mama Esther
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Esther Boakye-Duah
Esther Boakye-Duah
Composer

Lyrics

Eh, Nyame aye bi o Eh, Nyame aye bi, eh Anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, ah Asɛm bi aba m'ano oh Asɛm no ahyɛ me so akyɛre o Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam Asɛm bi aba m'ano oh Asɛm no ahyɛ me so akyɛre dodo o Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam Wei deɛ ɛyɛ dea m'ahunu o Ɛnɛ nea m'afa mu Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam Wei deɛ ɛyɛ dea m'ahunu o Wei deɛ ɛnyɛ asɛm a, m'ate o Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam Mommoa me er? Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara Anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, ah Ade kɛse a Nyame ayɛ ama me no Adɔfoɔ eh, ɛboro m'adwene so Me nuanom, ɛsom me bo o Menhunu no ade ketewaa bi Ɛnyɛ me na anka ɛfata me Adom yi deɛ ɛnyɛ me na anka ɛsɛ me da Ahunumɔbrɔ na Nyame ahunu me Meyi n'ayɛ abre nyinara Adɔfonom metenase komm Dwendwene abrabɔ mfitiaseɛ paa dea Adɔfoɔ na anka ɛsɛ me su wae Ɛsɛ me gyinatoɔ bi, mese Aduane papa bɛn? nkwa papa bɛn? Ne daberɛ pa bɛn paa? Adom na efiri soro abɛdom me Meyi n'ayɛ abre nyinara Nea wiase buu no nkwasea deɛ no Ɛnɛ Ɔde ahyɛ nyansafoɔ aniwuo woate? Nneɛma a, na anka wiase mmu no Ɔde ahyɛ ne din anuonyam o Ɛwiɛmfoɔ bi ba o, ohiani bi ba Mɔbrɔni paa ba Adom na efiri soro abɛdom me Meyi n'ayɛ abre nyinara Nea wiase buu no nkwasea deɛ no Ɛnɛ Ɔde ahyɛ nyansafoɔ aniwuo woate? Nneɛma a, na anka wiase mmu no Nyame de ahyɛ ne ho anuonyam o Ɛwiɛmfoɔ bi ba o, ohiani bi ba Mɔbrɔni paa ba Adom na efiri soro abɛdom me Meyi n'ayɛ abre nyinara Mommoa me er? Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara Nyame ayɛ bi, Nyame ayɛ bi, Nyame ayɛ bi o Oh, mese, ɛmmerɛ bi a, atwa mu no Adɔfoɔ eh, mehunu abawuo bi Afei koraa deɛ yafunu mu to yɛ a Na anidasoɔ nni baabi ara Nanso anigyesɛm ne sɛ M'aanyi me gyidie anfiri Onyankopɔn so da Sɛ ɛnnɛ m'anya m'awoɔ a Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam Mese, ɛmmerɛ bi a, atwa mu no Adɔfoɔ eh, mehunu abawuo bi Afei koraa deɛ yafunu mu to yɛ a Na anidasoɔ nni baabi ara da Anigyesɛm ne sɛ M'aantwe me gyidie anfiri Onyankopɔn so woate Sɛ ɛnnɛ m'anya m'awoɔ a Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam Wei deɛ ɛyɛ dea m'ahunu o Ɛnyɛ nea m'ate woate Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam Mommoa me er? Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi o Onyame ayɛ bi Meyi n'ayɛ abre nyinara
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out