Lyrics

Jesus, menim sɛ me haw yi nyinaa Wobɛma Wo nsa so ama madi nkunim Ɛmfa ho ne nea ɔbɔnefoɔ no bɛyɛ Menim sɛ mede aba W'anim yi, Wobɛyɛ Ma Wo nsa so ma menni nkunim Efirisɛ Wo nko ara na Woyɛ, nkunim nyinaa Agya Sɛ Woma Wo nsa so a, 'ɛmmepɔ nyinaa bɛtutu Efirisɛ Wo na Womaa so maa Daniel dii nkunim Ma Wo nsa so ma menya asomdwoe Efirisɛ Wo nko ara na Woyɛ Asomdwoe Wura Sɛ Woma Wo nsa so a, abrabɔ yi nyinaa bɛsesa Awurade ei Efirisɛ Wo na Womaa so ma Isaac dii nkunim Yie ei, Yesu ei, bɛdi hene wɔ m'abrabɔ yi so o Ɔhene ei, merefrɛfrɛ Wo o (Agya, ma Wo nsa so) Merefrɛfrɛ Wo o, m'abrabɔ yi mu o Yesu ei, merefrɛfrɛ Wo o Yesu (Agya, ma wo nsa so) Ma Wo nsa so ma menya asomdwoe Efirisɛ Wo nko ara na Woyɛ Asomdwoe Agya Sɛ Woma Wo nsa so a, 'ɛnneɛma nyinaa bɛsesa Awurade ei Efirisɛ Wo na Womaa so ma Daniel dii nkunim Sɛ Woma Wo nsa so a, 'ɛmmepɔ nyinaa bɛtutu Efirisɛ Wo na Womaa so maa Daniel dii nkunim Sɛ Woma Wo nsa so a, abrabɔ yi nyinaa bɛsesa Efirisɛ Wo na Womaa so maa Daniel dii nkunim Yie ei, Yesu ei, merefrɛfrɛ Wo o Agyenkwa ei Agya bra m'abrabɔ yi mu o (Agya, ma Wo nsa so) Ɔhene ei, merefrɛfrɛ Wo o, Wo ba maba W'anim ah Menim sɛ Woba mu a ɛbɛyɛ yie o (Agya, ma wo nsa so) Yesu ei, merefrɛfrɛ Wo o, oh, Agyenkwa ei, merefrɛfrɛ Wo o Ɔhene ei, merefrɛfrɛ Wo o (Agya, ma wo nsa so) Menni obiara te sɛ Wo o, W'anim nko ara na maba Menim sɛ Wobɛgye me so o (Agya, ma wo nsa so) Bɛdi hene wɔ m'abrabɔ yi so o, Ɔhene ei merefrɛfrɛ Wo o Agya ei, bra m'abrabɔ yi mu o (Agya, ma wo nsa so) Awurade ei, m'awaresɛm yi o, Agyenkwa ei, m'adwumasɛm yi o Mede ne nyinaa aba W'anim o (Agya, ma wo nsa so) Ah Yesu ei, Agyenkwa ei, merefrɛfrɛ Wo o Agya ei, bra m'abrabɔ yi mu o (Agya, ma wo nsa so) Bɛdi hene wɔ m'abrabɔ yi so o, Ɔhene ei merefrɛfrɛ Wo o Awieɛ mmerɛ yi, boa me o, boa me o (Agya, ma wo nsa so) Bɛdi hene wɔ m'abrabɔ yi so o, Ɔhene ei merefrɛfrɛ Wo o Agya ei, bra m'abrabɔ yi mu o (Agya, ma wo nsa so) Ah, ah-ah-ah-ah, ah-ah, oh, oh-oh-oh-oh, oh-oh Ɔhene ei merefrɛfrɛ Wo o (Agya, ma wo nsa so) Mmm
Writer(s): Marx Twumasi, Esther Smith Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out