Credits
PERFORMING ARTISTS
Kofi Owusu Peprah
Performer
COMPOSITION & LYRICS
GEORGE OWUSU PEPRAH
Songwriter
Lyrics
[Verse 1]
Awurade na ɔma, nea w'abrɛ tumi
Na nea onni home no, ɔma n'ahoɔden dɔɔso
Mmranteɛ mpo berɛ o n a wɔmo pa aba daa
Nkwakwaa hwe hwe, ase san wɔn akyi
Nanso wɔn a wɔtwɛn, Awurade anim
Wonya ahoɔden foforɔ
Ɔde ntaban foro sɛ, anomaa ɔkɔdeɛ a
Otu mmirika, na wɔmpa aba da
Ɔnante a ɔmmerɛ
[Verse 2]
Awurade ama m'ayɛ, n'adebɔ mu ɔdehyeɛ
W'ahyɛ me tenenee katabo
Ɔde nnepa ahyɛ m'afono mu ma
W'ama makoma ahyɛ ma oo
Hwɛ sɛ matanfo ani awu
Nti mmerɛ a metease yi
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase
Wo nwunu ase a na metena
Na m'ato me dɔfo ho dwom sɛ
Wo nwuma yɛ kɛse
Wo nwuma yɛ nwanwa
Onipa ba biara ntumi ntease
[Verse 3]
Yɛtwere Zion botan
Yɛndeɛ yɛnnsuro dɔm
Efiri sɛ nea ɔte me mu no
Ɔso sene nea ɔwo wiase
Enti Awurade ka wo ho yi
Wodeɛ mɛnsuro anadwo bumbɔ
Ɛne bemma a etu awia ketee
Esane yadeɛ a ɛsɛe adeɛ
Efiri sɛ w'ama me kra adwane
Efiri ofidisumfoɔ afidie mu
Ɛne afidie no abubu
Afidie no adwiri
Na yɛn deɛ yade yɛnho
[Verse 4]
Nti berɛ a yɛte ase yi deɛ
Yɛn dwane kɔbea ne wo Awurade
Yɛkogyefo ne Yehowa
Ɔntonko na ɔnna
Enti aseda bɛn, mpo na ɛbɛsɔ w'ani
Agya na yɛndeɛ yɛnto nnwom bɛn, na ɛbɛyɛ w'aso mu dɛ
[Verse 5]
Agya yɛde yɛnho nyinaa, bɛbɔ afɔdeɛ ama wo a
Ɔkɛseɛ yɛyɛ wodea, na yɛyɛ w'adidibea dwan
Sɛ yɛyi sika nso a, sika ne dwetɛ nyinaa firi wo hɔ a
Ɛno nti yasɛm nyinaa nie
[Refrain]
Agya, wodin na aseda nka
Agya, wodin na aseda nka
Ɔdomfo, wodin na ayeyie nka
Wodin na nhyira nka
Wodin na ntontom nka
Wodin na aseda nka
Wodin na anidie sɛ
Calvary nkunimdifoɔ, w'ayeyie rensa da
[Chorus]
Enti medea mɛbɔ no din daa
Mɛbɔ Awurade ne din
Ma ma ne so akyerɛ amansan nyinaa
Efiri sɛ ɔyɛ Owura
N'akyi ne n'anim obi ntesɛ ɔno
Ɔyɛ tete Nyame
Mɛbɔ Awurade ne din
Ma ma ne so akyerɛ amansan nyinaa
Efiri sɛ ɔyɛ Owura
N'akyi ne n'anim obi ntesɛ ɔno
Ɔyɛ tete Nyame
[Verse 6]
Agya m'akoma so asɛm paa
Na yɛde ayɛ nnwom a meretoɔ yi
Sɛ wɔn a wɔtwɛn wo no
W'anim rengu ase da
Agya m'akoma so asɛm paa
Na yɛde ayɛ nnwom a yɛɛtoɔ yi
Sɛ wɔn a wɔtwɛn wo no
W'anim rengu ase da
[Chorus]
Mɛbɔ Awurade ne din
Ma ma ne so akyerɛ amansan nyinaa
Efiri sɛ ɔyɛ Owura
N'akyi ne n'anim obi ntesɛ ɔno
Ɔyɛ tete Nyame
Mɛbɔ Awurade ne din
Ma ma ne so akyerɛ amansan nyinaa
Efiri sɛ ɔyɛ Owura
N'akyi ne n'anim obi ntesɛ ɔno
Ɔyɛ tete Nyame
Written by: GEORGE OWUSU PEPRAH

