album cover
Obibini
366
Highlife
Obibini was released on July 4, 2025 by SARAMAK as a part of the album Back to Yah
album cover
Release DateJuly 4, 2025
LabelSARAMAK
Melodicness
Acousticness
Valence
Danceability
Energy
BPM169

Credits

PERFORMING ARTISTS
Mark Anim Yirenkyi
Mark Anim Yirenkyi
Background Vocals
Ellen Opoku
Ellen Opoku
Background Vocals
Albert Oparrah Mensah
Albert Oparrah Mensah
Keyboards
Akablay
Akablay
Lead Guitar
GADDIEL AMOAH
GADDIEL AMOAH
Bass Guitar
Stephen Okuleteh
Stephen Okuleteh
Background Vocals
Osborn Yimondoh
Osborn Yimondoh
Background Vocals
Dominic Quashie
Dominic Quashie
Lead Guitar
Francis Osei
Francis Osei
Drums
COMPOSITION & LYRICS
Mark Anim Yirenkyi
Mark Anim Yirenkyi
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Albert Oparrah Mensah
Albert Oparrah Mensah
Producer
Obed Anim-Yirenkyi
Obed Anim-Yirenkyi
Graphic Design
Emmez Studios
Emmez Studios
Graphic Design

Lyrics

Sɛ obroni hwɛ bibini
Na ne tuntum nti ɔkyiri no tan no a,
Yɛ frɛ no Racism
Na sɛ obibini anakasa hwɛ ahwehwɛ mu na ɔno kyire ne ho tan ne ho a
Yɛ bɛ frɛ no sɛn
ɛneɛ asɛm sɛ bɛ
Sɛ mebuu mebɔfo nyansani a,
Anka ɛnyɛ deɛ me ti ne ooo bibini,
Mampɛ deɛ mewɔ mampɛ deɛ mewɔ
Nea mepɛ no nso adane me akoa
Sɛ mebuu mebɔfo nyansani a,
Anka ɛnyɛ deɛ m’awie ni oo bibini
Mampɛ deɛ mewɛ mampɛ deɛ mewɔ
Nea mepɛ no nso adane me akoa.
Na sɛ nka asamando yɛ ɔman a anka mɛtu kwan akɔhɔ akɔhu me nana eee
Abena Ofeibea se Abena
W’asɛm a wokaa yɛ na ɛda hɔ no
Wo se wiase w’ani ansɔ nea wowɔ
W’amfa aseda amma Ɔkyɛadeɛ a,
Mmm dakoro dakoro bi
Wapɛdeɛ bɛdane wo akoa
Eee Abena ei,
Abena wasɛm yi na ɛda hɔ yi
Monma mensu me ho ɛɛ
(ao bibini)
Mmm mmm mmm
Monma mensu me ho ɛɛɛɛ
Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni
(asem na ato me obibini nti ɛwɔ me su me ho o sɛ)
Monma mensu me ho ɛɛ
(monma me su me ho obibini)
Mmm mmm mmm
Monma mensu me ho ɛɛɛɛ
(Kwaiɛ abu me so nso manserɛ aduane a, mennidi)
Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni
(mmm Awerɛhowsɛm paa ni o)
Bɔrebɔre firi ne nyansa mu bɔ me bibini
Ɛno nti ɔma medaa nso koraa
ɛwɔ mafoɔ nyinaa mu.
Ɔmaa me tirinwi sonowonko,
Ɔmaa me honam sonowonko,
Ɔmaa me aduane sonowonko sɛ
Menni na menya ahoɔden nso mampɛ deɛ mewɔ mampɛ deɛ mewɔooo na mepɛ no nso adane me akoa.
Asase bereɛ so na meteɛ Ɔdiamono n’anka medi atomprada,
ɛnɛ deɛ mesrɛsrɛ na m'adi a eee
ɛba no sɛn ni.
Mapene so ama y’asesa me din,
Yasesa m'adidie asan asesa me Nyame eee
Ɛdɛn na aka yɛntumi nsesa no
Nanso Daniel , Shadrach, Meshack ne Abednago
Wɔsesa wɔn din wɔ Babylon nanso wampeneso amma wansesa wɔn adidie nti
W’antumi ansesa wɔn Nyame no yɛdeɛ yapene so ama w’asesa yɛn biribiaa
Ɛnɛ konko mu nnuane na afei yɛdie
Fufuo si hɔ oooo na yɛdi biribi biribiibi
Akple si hɔ na yɛdi biribi biribiibi
(Tuozafe Akyɛkɛ ɔfam)
Kube wɔ hɔ oo na yɛnom biribi biribiibi
Ɛnti yadeɛ a ɛnni aduro n'afei ɛbɔ yɛn
Ah
ƆTWEDUAMPƆN KWAME na anka yɛsom noɔ
Mmm Ahyɛase YAH na anka yɛsom noɔ
Akwasi boroni asesa yɛn nyame
Yes he came here with the Sun god and said this is the son of GOD
Yampɛ deɛ yɛwɔ yampɛ deɛ yɛwɔ ooo
Nea Yɛpɛ no nso adane yɛn nkoa
Eee Abena ei,
Abena wasɛm yi na ɛda hɔ yi
Momma mensu me ho ɛɛ
(Momma mensu me ho bibini)
Mmmm mmm mmm
Momma mensu me ho ɛɛ
(Mete sika so nso mebɔ ohia dondo)
Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni
(Awerɛhowsɛm paa ni o)
Masesa metirinnwii akɔhunu amane oo
Tirinnwii papa bi a Nyame de adom me
Nanso mese mempɛ ooo mepɛ oo
Sɛ metirinnwii yɛ tesɛ boronii ɛnti wayɛ aduro abrɛ me
Nanso anni naanu anni nansa mpo
ɛmmaa yi tirinnwii na akuku agu yi
Nanso sɔhwɛ antu wɔn fo ara da
Ɛnti anka hwɛ yɛn yɛ tirinnwii fu a
Yɛtwitwa kɔto guo no
ɛnɛ obi twitwa ne tirinnwii na w’akyekyere
Wasan abɛtɔn ama bibini
Wei nnyɛ nkoasom na ɛyɛ deɛbɛn
Y’ampɛ deɛ yɛwɔ y’ampɛ deɛ yɛwɔ oo
Nea yɛpɛ no nso adane yɛn nkoa
Masesa mewedeɛ akɔhunu amane oo
Wedeɛ papa bi a nyame de adom meɛ
Nanso mese mempɛ ooo
Mepɛ sɛ mewedeɛ yɛ tesɛ boroni ɛnti wayɛ aduro abrɛ me
Ma ɛnnɛ medwene nku ansa madwene aduane mpo oo
Adeɛ yi megyae metomu a me nipadua yi hye oo
Oh nkoasom ni
Mampɛ deɛ mewɔ mampɛ deɛ mewɔ
Nea mepɛ no adane me akoa
Ɛnti Abena Ofeibea
Wasɛm a woka yɛ n'ɛdahɔ no
Momma mensu me ho ɛɛɛɛ
(ao Abena)
Mmm mmmm mmm
Momma mensu me ho ɛɛɛɛ
(Asuoyaa pantoase afutu a wotuu me no ɛdaso wo metirimu
ɛdaso wo metirimu o Nana)
Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni
(Akropong kwakwaduam ni ba wasɛm a wokaa yɛ na ɛda hɔ no)
Momma mensu me ho ɛɛ
(Bibni bibini)
Mmmm mmm mmm
Momma mensu me ho ɛɛ
Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni
Written by: Mark Anim Yirenkyi
instagramSharePathic_arrow_out􀆄 copy􀐅􀋲

Loading...