Lyrics

Akwaboah, ay (KCee Beatz) Ooh, ooh, ooh (TXT) Ooh-ooh (yeah) Uh Mesu wo kosɛ-kosɛ Menka sɛ wowu a fa me kɔ Hwɛ sɛ ɛyaw, ayɛmhyehyeɛ ama mereto me hyeɛ Ɛnkane yɛdidi bɔm', ɛnnɛ mete me deɛ Ɛnkane, wo ti da so o, ɛnnɛ, w'akyi yi deɛ Neɛ woseɛ sɛ ɛyɛ wo fɛ, mehyɛ koraa a ɛnyɛ wo fɛ Yɛhyɛɛ aseɛ, w'aduane mmienu, m'aduane ne me ugh Afei, ɛbaa no sɛn? Hwɛ sɛ bukyia ɛreto ayampia ma dadesɛn Sɛ merekasa a, ɛnyɛ kasa bi na ɛyɛ me dɛ o Anaasɛ ntɔkwa bi na ɛyɛ a, mepɛ o Mm, ɛnyɛ kasa bi na ɛyɛ me dɛ o Mm-mm, anaasɛ ntɔkwa bi na ɛyɛ a, mepɛ o Wo ho ara na ɛhia me nti Ɛyɛ wo ho na ɛhia me ntia Baby, wo ho ara na ɛhia me ntia Ɛyɛ wo ho na ɛhia me ntia, ntia, ntia Na ama me kasa ayɛ bebereebe yi Sɛ wonni hɔ a Mpaeɛ a mebɔ ara ne sɛ Awurade mfa wo nkɔ mmra dwoodwoo o Me sunsum a me ne wo nanteɛ Enti ɔdɔ ei, metu wo fo a ɛyɛ a tie Nkyɛ sika wɔ abɔnten ma ɛkɔm nne wo mma Mm, metu wo fo a, ɛyɛ a tie o, oh Na wo ho ara na ɛhia me nti Ɛyɛ wo ho na ɛhia me ntia Baby, wo ho ara na ɛhia me ntia Ɛyɛ wo ho na ɛhia me ntia, ntia, ntia Na ama me kasa ayɛ bebereebe yi Menim sɛ daa wofa m'akyi I always pretend like I don't know Meka nso a wose menagge Enti m'asomdwoeɛ nti no, I don't wanna complain biom Adwaman a worebɔ no nyɛ me ya sɛ Woanhwɛ yie a na woakɔfa biribi abɛyɛ me Ɛno na ɛyɛ a, medwene ho o Na ama me kasa ayɛ bebereebe yi Wo ho na ɛhia me ntia Baby, ɔdɔ a medɔ woɔ ntia Baby, wo ho ara na ɛhia me ntia, ntia, ntia Na ama me kasa ayɛ bebereebe yi Na ama me kasa ayɛ bebereebe yi Na ama me kasa ayɛ tententen yi aah Bebereebe yi Wo ho hia me, yeah Ɛyɛ ɔdɔ a medɔ wo yi ntia Dɔ a medɔ wo yi, dɔ a medɔ wo yi, dɔ a medɔ wo yi Mm-mm, hm
Writer(s): Seth Miah Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out