Lyrics

Yeah (Kweku Darlington) Tuo 'ma menhu sɛ nipa nyansa mma nkwa, Nyame ei Tɔ nkwa Nyame ei (holiba) When you hear 'Motivation', you should know it's Jay Scratch on the beat Yeah, urgh Mpɛn pii, yɛka ɔdɔ ho asɛm de kyerɛ nipa Nso nipa fom nipa a, nipa de ho abufuo bɛkum nipa Nti yɛkyerɛ wo sɛ bu nipa, na yɛakyerɛ wo sɛ suro nipa Wobu nipa a, suro nipa, firisɛ deɛ ɔbɛtan wo yɛ nipa Nyame fa nipa so boa nipa nso ɛnnɛ, nipa boa nipa a Ɔkyerɛ wiase afanan, deɛ ɔde akyɛ wo kokoam' nyinaa Daa ɔkyerɛ sɛ ɔdɔ nipa, ɔwɔ akoma pa Nanso nipa ho asɛm na ɔbɛka ayɛ yie a, ɛnneɛ ɔnka nokware nyinaa Ɔse, "All die be die", n'ani akata nso ɔndaae Aboafoɔ adɔɔso, nso aboafoɔ yi se, "Nah, nipa nni nkaeɛ" Nti neɛ ɔbɛboa wo mmaeɛ, hunu sɛ Yesu nnaeɛ Wadua anigyeɛ wɔ nipa mu, kae sɛ nipa na eyii Yesu maaeɛ Ei, nipa na ɛbɛwo onipa nso ɔde bayie bɛsɛe nipa Nipa anim adom nti, nipa sɛe nipa de kyerɛ nipa Ɛnyɛ koraa a, wo deɛ no no, nti yɛnsusu nsɛe nipa Ɛyɛ a na yɛn werɛ afiri sɛ nipa wu a nipa na ɛsie nipa Nyame na ɛboa nipa, na Ɔde fa nipa so Nipa nyɛ, nso nipa nna sumina so Mesua no yɛka kyerɛɛ me sɛ nipa tiri mu ɔ'sum But menyɛ sure sɛ han adamfo paa ara ne esum Hwan nie? Na hwan nie? Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie Ma kwan nnam', na memfam' (yeah-yeah) Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie? Hwan nie? Na hwan nie? Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie Ma kwan nnam', na memfam' (yeah-yeah) Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie? Onyankopɔn na ɛbɔɔ nipa, Ɔnuu ne ho sɛ Ɔbɔɔ nipa Ɔmaa nipa nea ɔhia nyinaa de sɔɔ no hwɛɛe sɛ ɔyɛ nipa a Nipa hwee ase, yeraa ne kwan, bɛdane aboa nipa Nipa mmoa nipa, nipa de ne tumi no na ehuna nipa Pɛsɛmenkomenya ne nantitwa ne honampɛ Ne nyaatwem, ntɔkwa nketekete, sɛenomame adane nipa fapem Saa nipa teɛ anaa Onyankopɔn na ɛbɔɔ yɛn saa? Maa gyata ɛse akɛseɛ sɛ ɔmfa mmɛwe adowa Nipa hunu ɔdɔ a, nipa nya nteaseɛ a Ɔno ara dane Nyame na ne honhom no nyane a Ɔtumi de ne ho nanso ɔnya atinka mma ne nua Afei na wadane 'ne nkwa', firisɛ ɔdɔ na ɛyɛ nipa Tuo 'ma mahu sɛ nipa nyansa mma nkwa, Nyame ei Tɔ nkwa Nyame ei Nyame na ɛboa nipa, na Ɔde fa nipa so Nipa nyɛ, nso nipa nna sumina so Mesua no yɛka kyerɛɛ me sɛ nipa tiri mu ɔ'sum But menyɛ sure sɛ han adamfo paa ara ne esum Hwan nie? Na hwan nie? Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie Ma kwan nnam', na memfam' (yeah-yeah) Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie? Hwan nie? Na hwan nie? Ɛnyɛ nipa a, ɛnyɛ nipa a, ka ma mentie Ma kwan nnam', na memfam' Sɛ ɛnyɛ Nyame a, nka hwan nie? Nyame bɔɔ nipa sɛ Ne suban ne Ne sɛso Nanso wiase nyansa ama nipa nsɛ hwee Nipa nya deɛ ɔpɛ nyinaa na daa nkwa amma a Nipa so mfasoɔ ara ne owuo, holiba Motivation
Writer(s): Kwame Nsiah Apau, Emmanuel Kweku Darlington, Peter Fameye Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out