album cover
Sacrifice
347
Hip-Hop/Rap
Sacrifice was released on August 29, 2025 by MicBurnerz Music as a part of the album Against All Odds - EP
album cover
Release DateAugust 29, 2025
LabelMicBurnerz Music
Melodicness
Acousticness
Valence
Danceability
Energy
BPM95

Music Video

Music Video

Credits

PERFORMING ARTISTS
Amerado
Amerado
Performer
IzJoe Beatz
IzJoe Beatz
Bass Drum
COMPOSITION & LYRICS
Derrick Sarfo Kantanka
Derrick Sarfo Kantanka
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
IzJoe Beatz
IzJoe Beatz
Producer

Lyrics

[Verse 1]
Wadwen ho da sɛ awudie bi so wo mfasoɔ?
Asante ammamerɛ mu no wonim wo wofa boɔ?
Enti Abraham na onim Isaac so mfasoɔ?
Ɛna nka ɔsacrifice nawie akotwa adwaadwoɔ
Wopɛ sɛ wo di yie wor wiase yi mu na wo suro sacrifice
But after the sacrifice man are you satisfied?
Ɛkyeaa na emuuyɛ cos it could be italicised
Jack kum biibi sɛe biibi gye biribi don't be paralysed
[Verse 2]
Obi nyɛ biibi kwa nka obi mfa ne bɛɛma nkogye sika
Ahometeɛ ama kwaabota de ne nua ketewa aloe abisa
Nipa mpɛ hia daabi da wonni sika na wonni beebi da
Hepatitis twetwe wo liver
Wo bɛ twe sekan sɛ Peter
[Verse 3]
Awerehosɛm bi a ɛsii 1991
Mr Kyeremateng bɔɔ moden kɔɔ Japan
Ɔɔkɔ na emu nnyɛ ogyaa ne mma gyaa ne wife
Oduru hɔ 3 months later onyaa accident na yɛtwaa ne nan
Enti deɛ na aba na ewor sɛ oba fie bɛda dinn
Ne yere anim nnisuo ɔmo cocoa fuo yi nso na ahyee yi
Neba panin awie Uni ɔnyɛ adwuma onni kudi
Sika nhyɛda nni fie saa omo bɛsi dɛn bɛdidiii
Abrabɔ ayɛ bona papa yi ntumi mmɔ akɔnhoma
Ne nuabaa odi nakyi nso nwoo da ɔpɛɛ ba
Ateetee ne kom yi Mr kyeremateng antumi angyina
Nti ofaa neho adwen sɛ ɔkɔ hu Jujuman bi na wapɛ sika
Oduru hɔ a na yɛse ɔnfa ne mma mmienu ntwaso
Aanso hor aa osan de ne yere awodeɛ nso bɛka ho
Oborr nani na nisuo onyae kɔaa nka owuo mmɛfa no
Nso wanya aba awie nti ɔgather vim na ɔgyee sika no
[Chorus]
Sacrifice
Wakɔ yɛ sacrifice
Mmm wahu sika but wahwere ne mma do you think he's satisfied?
Sɛ ɛyɛ nepɛ
Anaasɛ ɛnyɛ ne pɛ
Anidie kwan so mesrɛ me bisa nti deɛ ɔyɛɛyɛ no yɛ?
[Verse 4]
Abrabɔ yɛ koo na yɛ ko no yɛ ko no mmɛɛma mu
Decisions I made sɛnka wo wor makamu a
Nka wobɛte mase sɛ deɛ mesuro ba me so a
Animia yiaa na ama matinka aforo ban yi
Nti monsu mma moho monsu mma moho
Na menko mma meho menko mma meho
Monsu mma moho monsu mma moho
Na menko mma meho menko mma meho
[Verse 5]
Obiaa ɛpɛ ne bread
Hop off your bed to the streets for coins
Sacrifice your time and your rest in chasing the wealth
Ebi mpo afrifie deɛ abusua bedi kum ne mfahodie
Waton na nagyie for other people hɛɛ ɔbra bi nie
[Verse 6]
Yesu Christo wusoreɛ
Emu bro ne namaneɛ
De ne nkwa bɛ too hor maa mene wo wahyeda adwen ho deɛ
Odo bɛn paa na ɛkyen wei?
Sacrifice bi kyɛn wei?
Ebi de mmaa ne boba ɛbɔ no no na ebi nso so de chain wei
Wei deɛ meaa masem mekɔɔ bi na maanka bi deɛ mpaninfoɔ se ɛmfa kwan mu
Mabɔ moden arappi agye din agye mu plaques esi me dan mu
Ma ma boys anidasoɔ na magya mohor akoto nwom sesei yɛse kwabena bor adadam
Yɛfrɛɛ me Phone so sɛ nana da emergency
Omo hia 90 thousand 90 thousand ayɛ surgery
Na mehwɛɛ maccount mu na kwabena menni 20
20 Ghana cedi this thing happened 2020 tie tie tie
Tɔ da aa biibi si a nipa pii nte aseɛ
Me nana nafirimu mede kom na asua adeɛ
Nanka bone ben ɛyɛ adwuma na meeyɛ
Nti deɛ ɛbɛ ma mahu sika anim no nti wokɔaa mpo a nka wonnyɛ
Medɔ rap kyɛn sika but sika ho hia kyɛn rap
Deɛ me meyɛ a ɛbɛ boa me no wo wogyina baabi sɛ ɛhor
Tie deɛ meebɛ ka yi mede Asante abakosem bi mma wo
Wonte sacrifice ase situation a enkrofo wom no wonka ho
Nanka Asantehene bɛdeda me yere wor wuom afa ne toma
De akyekyere tuo akɔ akoo sɛneɛ nkunim bɛba
Wodwen sɛ onni atenka onni akoma ɔwɔ bi papa
Nso sɛneɛ Asante nni nkuguo nti ɔde Agyapomaa nkwa bɛtwa
Anokye komfoɔ de neti too hor maa Asante man
Nakoma mu dɔ nti ɔkɔpɛ owuo safoa aba otwaa kwan
Nana Yaa Asantewaa Asanteman dehyeɛ a ofiri Ejisuma
Ɛnso dii dom anim ko maa nkyirima koduruu nkwantan
[Chorus]
Sacrifice
Ɔmo ayɛ sacrifice
Tɔ da a yɛ to ban de gye ban
Even when it’s not alright
And such is life
Obi ayɛ paralysed
All because of kakra a ɔɔkpɛ nti this is sacrifice
Written by: Derrick Sarfo Kantanka
instagramSharePathic_arrow_out􀆄 copy􀐅􀋲

Loading...