album cover
Onipa Sombo
18,212
African
Onipa Sombo was released on May 20, 2007 by Florence Obinim Ministries as a part of the album Onipa Sombo
album cover
Release DateMay 20, 2007
LabelFlorence Obinim Ministries
Melodicness
Acousticness
Valence
Danceability
Energy
BPM93

Credits

PERFORMING ARTISTS
Florence Obinim
Florence Obinim
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Florence Obinim
Florence Obinim
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Nicholas Vita
Nicholas Vita
Producer

Lyrics

Mese sɛnea wote biara no
Mɛnyɛ woho sɛ woyɛ onipa hunu bi kɛkɛ
Ɛnyɛ woho sɛ deɛ wonka nipa ho
Na Onyame na ɛbɔɔ wo sɛ ne suban ne sɛsoɔ
Woyɛ ɔdehyiɛ oo, wosommo wɔ wo Nyankopɔn anim
Yɛngya yɛn Nyankopɔn dɔ onipa nti na ɔbɔɔ no sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Mese nea mete biara, mese beebi mefiri biara
Me nea mehunu sɛ menka nipa ho no
Onyame na ɛbɔɔ wo sɛ ne suban ne sɛsoɔ
Meyɛ ɔdehyiɛ oo, mesommo wɔ me Nyankopɔn anim
M'agya me Nyankopɔn dɔ onipa nti na ɔbɔɔ no sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Onipa ee, mesombo wɔ me Nyankopɔn anim
M'agya me Nyankopɔn dɔ onipa nti na ɔbɔɔ me sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Onipa ee, wosombo wɔ wo Nyankopɔn anim
Yɛngya yɛn Nyankopɔn dɔ onipa ɔbɔɔ yɛn sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Ɔbɔɔ me, ɔbɔɔ me yie
Ɔbɔɔ wo, ɔbɔɔ wo fɛ paa
Ɔbɔɔ me, ɔbɔɔ me yie
Ɔbɔɔ wo, ɔbɔɔ wo fɛ paa
Sɛnea wote biara no
Mɛnyɛ woho sɛ deɛ wonka nipa ho no
Ɛmmu wo ho mmɔbroni sɛ adɛn na menkoa deɛ awerɛhoɔ ahyɛ me so saa
Meyɛ biribi a ɛnyɛ yie oo
Neɛ mede mensa bɛsɔ mu no na ayɛ basaa
Neɛma papa pii wɔ wiase yi mu nanso menkoa deɛ ebi ntumi nka mensa da
Menka saa biom, w'adane yɛn wura yɛn Nyankopɔn?
Ɔno na akyɛdeɛ papapaa ne neɛ yɛ pɛ nyinaa firi no nkyɛn ba
Sɛnea wote biara no, ɛmfa ho ne baabia wofiri
Ɛnka bɔne mma wo ho sɛ adɛn na menkoa deɛ awerɛhoɔ ahyɛ meso saa
Mete hɔ yi meyɛ bibiara ɛnyɛ yie neɛ mede mensa bɛsɔ mu na ayɛ basaa
Ɛneɛma paa pii wɔ wiase yi mu nanso menkoa deɛ ebi ntumi nka mensa da
Menka saa bi da, w'adane Yehowa owura Nyankopɔn?
Awurade na akyɛdeɛ papapaa ne neɛ yɛ pɛ nyinaa firi no nkyɛn ba
Awurade se busa na ɔde bɛ ma wo, hwehwɛ na wobe hunu
Wobɔ mu a, ɔbebue wo woyɛ Onyankopɔn sɛso ne suban so wate anaa?
Onipa ee, mesombo wɔ me Nyankopɔn anim
M'agya me Nyankopɔn dɔ onipa nti na ɔbɔɔ no sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Onipa ee, wosombo wɔ wo Nyankopɔn anim
Yɛngya yɛn Nyankopɔn dɔ onipa ɔbɔɔ yɛn sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Ɔbɔɔ me, ɔbɔɔ me yie
Ɔbɔɔ wo, ɔbɔɔ wo fɛ paa
Ɔbɔɔ me, ɔbɔɔ me yie
Ɔbɔɔ wo, ɔbɔɔ wo fɛ paa
Onyankopɔn na ɔbɔɔ soro, ɔnoa na ɛbɔɔ asaase
Ɔsoro ne asaase so ɔbɔɔ neɛma bebireebe no nyinaa yɛ me Nyankopɔn nsa ano adwuma
Mmoadoma a ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa no nyinaa yɛ me Nyankopɔn nsa ano adwuma
Nanso menhunu mu baako mpo, me Nyankopɔn bɔɔ no tesɛ deɛ ɔbɔɔ nipa no
Yɛhwɛ soro abɔfoɔ mpoa Awurade ambɔ bɔfoɔ sɛdeɛ ɔbɔɔ nipa oo
Ɔse mede gya ne mframa na ɛyɛɛ m'abɔfoɔ
Nti agya a ɛdere na ɛyɛ m'asomfo daa
Adɛn na onipa nkoaa deɛ, Awurade firi n'akoma mu nyinaa se
Moma yɛn bɔ onipa oo, nipa dasani tesɛ me sɛso ne me suban so
Nti na ɔtee ɛfɔm nnɔteɛ, ɔnwene onipa wie yɛ no
Ohuu ɔnoa ne nkwa homee gu onipa mu
Na onipa bɛyɛ ɔkra teasefoɔ
Onyankopɔn wo na wobɔɔ soro, woa na wo bɔɔ asaase oo
Ɔsoro ne asaase so abɔdeɛ bebireebe no nyinaa yɛ me Nyankopɔn nsa ano adwuma
Mmoadoma a ɛwɔ asaase so nyinaa no nyinaa yɛ me Nyankopɔn nsa ano adwuma
Nanso menhunu mu baako mpo, me Nyankopɔn bɔɔ no sɛdeɛ ɔbɔɔ nipa
Yɛhwɛ soro abɔfoɔ mpoa Awurade ambɔ bɔfoɔ sɛdeɛ ɔbɔɔ nipa oo
Ɔse mede gya ne mframa na ɛyɛɛ m'abɔfoɔ
Mede agya a ɛdere na ɛyɛ m'asomfo daa hwɛ
Adɛn na onipa nkoaa deɛ, Awurade firi n'akoma mu nyinaa se
Moma yɛn bɔ onipa oo, nipa dasani tesɛ me sɛso ne me suban so
Nti na ɔtee ɛfɔm nnɔteɛ, ɔnwene onipa wie yɛ no
Ohuu ɔnoa ne nkwa homee gu onipa mu
Na onipa bɛyɛ ɔkra teasefoɔ
Wote hɔ a, susu ka bɔne ma wo ho sɛ, nti me paa deɛ mebɛyie ni?
Nti dabɛn paa na mɛyɛ yie, na mebaa wiase bɛyɛ deɛn ni?
Tie mmrɛ bi Awurade kakyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛdeɛ moaka bɔne agu m'aso mu no
Bɔne noa na ɛbɛba mo soɔ, nea moaka no a na mɛyɛ
Wote hɔ a ka asɛm papa kyerɛ Onyame na neɛma papa nyinaa yɛ Onyame dea
Dea wobɛ kakyerɛ Onyame no nso no ɛnoa na ɔbɛ yɛ
Afiri sɛ Onyame na ɔbɔɔ Otumfoɔ, ɛna ɔde no sii ahenfo akongua so
Onyame na ɛbɔɔ amanpanyinfoɔ, ɛna ɔde wɔn sisi amanaman so
Ɛneɛma papa nyinaa yɛ Onyame deɛ
Asaase ne n'ade dodoɔ yɛ Onyame dea
Ayɛ a ka nhyirasɛm kyerɛ Onyame na woyɛ Onyame sɛso ne no suban so
Bɛka me ho ma yɛn ka sɛ
Onipa ee, mesombo wɔ me Nyankopɔn anim
M'agya me Nyankopɔn dɔ onipa nti na ɔbɔɔ no sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Onipa ee, wosombo wɔ wo Nyankopɔn anim
Yɛngya yɛn Nyankopɔn dɔ onipa ɔbɔɔ yɛn sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Ɔbɔɔ me, ɔbɔɔ me yie
Ɔbɔɔ wo, ɔbɔɔ wo fɛ paa
Ɔbɔɔ me, ɔbɔɔ me yie
Ɔbɔɔ wo, ɔbɔɔ wo fɛ paa
Ɔbɔɔ me, ɔbɔɔ me yie
Ɔbɔɔ wo, ɔbɔɔ wo fɛ paa
Onipa ee, wosombo wɔ wo Nyankopɔn anim
Yɛngya yɛn Nyankopɔn dɔ onipa ɔbɔɔ yɛn sɛ ne suban ne sɛsoɔ no
Written by: Florence Obinim
instagramSharePathic_arrow_out􀆄 copy􀐅􀋲

Loading...