Lyrics

Sɛ neɛ wose wodɔ me no Hwɛ na woanti m'akoma Mede m'akoma kuruwa ɛkyɛ wo a Wobɛtumi ahyɛ no ma Adeɛ a mempɛ ɛnɛ ɔdɔ ntɔsoɔ Wode me bɛyɛ wo dessert Wodi w'aduane pa bi na women a Na wode me afefa w'anum mu Wode me bɛyɛ wo sapɔfunu da hia wahwehwɛ me Ɔdɔ saa deɛ, mepa wo akyɛw Mesrɛ wo fa me si aha yi a Na mewe ɔsono ama me ho akyiri me no deɛ Ɔdɔ yɛwu e, anka mewe ntafrɛ anya ahotɔ Kwani kwani ɔdɔ deɛ, menfata Mepɛ deɛ ɔpɛbɛ me Mehia deɛ ɔbɛhia me Ɛnyɛ deɛ ɔbɛdi me ho agorɔ Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua Ɛntumi nstande heartbreaks and lies Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ M'akoma yɛ ketewa, nfa me nkɔ hɔ Asosɔn nti na yɛko wo ho no Wo ho twentwam mo a na yɛatwi afa wo so Ɔgyina asuogya deɛ no ɔpakyewo Ɔtua nsuo wie a, ɔse ɔdɛnkyɛm atikɔpɔ Nkontompo ne nnadaa w'akoma ɛte mpo a, ɛnfa me ho Kwani kwani ɔdɔ deɛ, menfata Mepɛ deɛ ɔpɛbɛ me Mehia deɛ ɔbɛhia me Ɛnyɛ deɛ ɔbɛdi me ho agorɔ Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua Ɛntumi nstande heartbreaks and lies Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua Ɛntumi nstande heartbreaks and pain Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ M'akoma yɛ ketewa, nfa me nkɔ hɔ Akoma nni rechargeable battery Yɛntɔn na yɛntwa ne ho factory Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene Akoma nni rechargeable battery Yɛntɔn na yɛntwa ne ho factory Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene mempene no! M'akoma te sɛ kosua mono a yato no ɛnnɛ Ɛfiri wo nsa mu ɛhwi fɔm ma yato atwene Daabi ara adwendwen ni kɔda a nda deɛ mentumi Ɛnti sɔ m'akoma mu yie Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene Me dɔfo kɛseɛ bɛdane me tamfo deɛ ɛbɛku me Ɛbɛku me M'akoma te sɛ kosua mono a yato no ɛnnɛ Ɛfiri wo nsa mu ɛhwi fɔm ma yato atwene Daabi ara adwendwen ni kɔda a nda deɛ mentumi Ɛnti sɔ m'akoma mu yie Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene Me dɔfo kɛseɛ bɛdane me tamfo deɛ ɛbɛku me Ɛbɛku me Ɛnfa me nkɔ hɔ (m'akoma sua) Ɛno deɛ, ɛbɛku me (heartbreaks and lies) Ɛno deɛ, ɛbɛku me (M'akoma yi ketewa) Ɛno deɛ, mempene, mentumi Uuh, ɛbɛku me (m'akoma yi sua) Ɛno deɛ, mentumi, ɛbɛku me (M'akoma yi ketewa) M'akoma yi sua, heartbreaks and lies (pain) till fade
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out