Credits
PERFORMING ARTISTS
Kofi B
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kofi B
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Kofi B
Producer
Lyrics
Yie ei, oh, mmɔbrɔwa
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, na mekuta me kora
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na merefa hene?
Yaanom, mefira ntomago nti
Kofi ei, menni apiripiragorɔ
Asɛm to me seisei a
Ɔkakyerɛfoɔ ne hwan?
Asɛm to me seisei a
Ɔkyigyinafoɔ ne hwan ni?
Maame a ɔwoo me, ei
Eno Achiaa no, ɔnni bi o
M'agya, Akwasi Addae nso
Paapa, ne nsa mu nni bi o
Meredwene me ho o
Meredwene me ho o
Meredwene me ho o
Meredwene me ho o
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na mereyɛ deɛn ni? (Ɛde me bɛkɔ)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ)
Meredwene me ho o (aah)
Meredwene me ho o (mmɔborɔwa)
Meredwene me ho o (aah)
Meredwene me ho o (mmɔbrɔwa)
Eboo, me deɛ meyɛ ɔbɔtoɔ nti
Aberɛ biara memfa me ho nkɔbɔ nkaawa
Woka me seisei ara, na mammua wo a
Ɛno nkyerɛ sɛ, ebia mesuro wo
Woka me ntɔkwa wɔ ayie ase na mamfii wo a
Ebi a na emfiri me nnipa o
Asɛm to me a
Ɔkakyerɛfoɔ ne hwan ni?
Meyare seisei ara a
Ɔhwɛfoɔ koraa ne hwan ni?
Meredwene me ho o
Meredwene me ho o
Enwire ani sa ntomago nti no
Meredwene me ho o
Asabɔne sɛ ohiani ba nti no
Meredwene me ho o
Mayɛ atɛntrenhuro
Meredwene me ho o
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na mereyɛ deɛn ni? (Ɛde me bɛkɔ)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ)
Meredwene me ho o (aah)
Meredwene me ho o (mmɔborɔwa)
Meredwene me ho o (aah)
Meredwene me ho o (mmɔbrɔwa)
Sɛ meyɛ komm a, ɛyɛ a na ebinom nte aseɛ
Ebinom se meyɛ animuonyam pɛ
Daabi, ɛnyɛ saa na ɛteɛ
Ɔbra yi mu dadwene bebreebe yi nti
Da biara, mayɛ komm yi
Sɛ wohunu anwene korɔ a
Ɛyɛ a mɛnto no aboɔ
Sɛ wohunu anwene korɔ a
Ɛyɛ a mɛnto no aboɔ o
Ebi a na ɔfiri dodoɔ mu
Efie nsɛmnsɛm na abɔ me asesa
Afei, mewɔ adwene pa bi sɛ
Mɛyɛ bi aboa abusua yi, nso
Monhwɛ deɛ hyɛbrɛ ayɛ meɛ yi
Monhwɛ nea ɔbra yi de me akɔwie
Mewɔ adwene pa o
Na mewɔ adwene pa o
Anomaa biara ho bɛyɛ fɛ nso a
Ɛyɛ a na ɛfiri ntakra pa a wanya nti
Menni ɔboafo nti
Abrabɔ mu ayɛ tawee yi
Meresu me ho o
Meresu me ho o
Adom Nyame ei
Wo ara na m'ani da Wo so o
M'Aboadeɛ dɛɛfoɔ ei
Wo ara na medan Wo o
Meredwene me ho o
Meredwene me ho o
Meresu me ho o
Meresu me ho o
Mayɛ atɛntrenhuro
Mayɛ atɛntrenhuro
Mayɛ atɛntrenhuro
Mayɛ atɛntrenhuro
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na mereyɛ deɛn ni? (Ɛde me bɛkɔ)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ)
Meresu me ho o (aah)
Meresu me ho o (mmɔborɔwa)
Meresu me ho o (aah)
Meresu me ho o (mmɔbrɔwa)
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mennim m'ano mmue
Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na merefa hen ni? (Ɛde me bɛkɔ)
Mayɛ atɛntrenhuro
Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ)
Meredwene me ho o (aah)
Meredwene me ho o (mmɔborɔwa)
Meredwene me ho o (aah)
Meredwene me ho o (mmɔborɔwa)
Meredwene me ho o
Meredwene me ho o (mmɔborɔwa)
Kofi Stone ei
Kofi se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa)
Maabena Nyarko ei
Abena se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa)
Suzzy ei
Ɔno nso ɔredwene ne ho (mmɔborɔwa)
Ofori Amponsah ei
Kwame se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa)
Possigee ei
Kwasi se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa)
Yɛnnim y'ano mmue
Yɛrekɔ a, yɛkuta yɛn kora (mmɔborɔwa)
Yɛnnim y'ano mmue
Yɛrekɔ a, yɛkuta yɛn kora (mmɔborɔwa)
Writer(s): Kofi B
Lyrics powered by www.musixmatch.com