制作
出演艺人
Kojo Antwi
表演者
作曲和作词
Kojo Antwi
词曲作者
Sonti Ndebele
词曲作者
歌词
[Intro]
Oh hey
[Chorus]
Menyaa ntaban
Menyaa ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menyaa ntaban a, anka mɛtu tesɛ abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Ɔbaahemaa
Ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim agorɔ die
Obi nfrɛ no mma me o ayee
Ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim deɛ m′akoma pɛ e
Obi nfrɛ no mma me o
Menyaa ntaban
Menyaa ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menyaa ntaban a, anka mɛtu te sɛ abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
[Verse 1]
Oh, deɛ ohia bɛyɛ nie
Ohia ɛtumi atete yɛn ntɛm
Ama ɔdɔyɛwu da mabi a
Ebuoo, mese, merekɔpɛ ohia ano aduro aba
Me na menam asuensuan yi
Deɛ ohia bɛyɛ nie
Ohia ɛtumi atete yɛn ntam
Ama ɔdɔyɛwu akɔ da baabi basaa a
Ebuoo, obi mmɛsen nkɔ hwɛ medɔfo yi o
Wɔafɔn aka sɛ prayɛ o
[Chorus]
Enti, menyaa ntaban
Menyaa ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menyaa ntaban a, anka mɛtu te sɛ anomaa apatuprɛ e
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
[Verse 2]
Oh, oh, ohia kum akɔnɔ
Ayee, ohia ama madane ɔha e
Aboa ɔha wɔ ntaban
Nanso, ɔtu a, ɔnkɔ soro e
Anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Oh, ohia yɛ adambɔ
Ohia ɛkum makɔnɔ
Me nsam susu bebree, aka me tiri mu
Ɔmama, na menyɛ no dɛn nie?
[Verse 3]
Ah-akwankwa, akwankwa ɛnyɛ aniha e
Oh, agye daabi o, na mɛka m′asɛm
Ah-akwankwa, akwankwa ɛnyɛ aniha e
Oh, agye daabi o, na mɛka m'asɛm
[Chorus]
Akwankwa na mereka no sɛn nie?
Akwankwa na mereyɛ no dɛn nie?
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo
Akwankwa na mereka no sɛn nie?
Akwankwa na mereyɛ no dɛn nie?
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo
[Verse 4]
Ayee, ayee, amanneɛ oh
Baabi a, yɛde yɛ ti bɛto koraa ɛyɛ a, na adane amanneɛ o
Akwantuo yi, ama me adane nsonsono o
Menni ani nti, mede me ti ɛrepempem o
Menam sansan nanso mennim baabi a, meekɔ a
Manante, manante, manante, nanso mennuru baabi meekɔ a
Na sɛ Nyame ammoa me na mekɔtɔ nkranne mu a
Buo, buo, buo, na mereyɛ no dɛn nie?
[Chorus]
Akwankwa na mereka no sɛn nie?
Akwankwa na mereyɛ no dɛn nie?
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo
Akwankwa na mereka no sɛn nie?
Akwankwa na mereyɛ no dɛn nie?
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo
[Verse 5]
Ayee, mato ɔpɛtɛ tuo a
Ɔbaako ara nkunu nso, na merekɔka no sɛn nie o
Na ɛyɛ me sɛ, ɛna me nko ammɔ ahwam
Me tuo abɔ ba nso na aka baakopɛ o
Ayee, ayee, ayee, me maame abɔ ka o
[Chorus]
Akwankwa na mereka no sɛn nie?
Akwankwa na mereyɛ no dɛn nie?
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo
[Chorus]
Enti, menyaa ntaban
Menyaa ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menyaa ntaban a, anka mɛtu te sɛ anomaa ɔkɔdeɛ e
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
[Outro]
Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Ah
Oh
Ah
Oh
Ah
Written by: Kojo Antwi, Sonti Ndebele