歌词

Hey! Na woate anaa? (Tubhani Muzik) Sarkcess Music Ɔdɔ, me ne wo na ɛsii so o Ɛnyɛ ɛnnɛ na merebɛhyia wo na obi abɛtu me fo o '99 Soloku, me ne wo na ɛtwii so o Masoa nsa no ara aah, afei mahyia deɛ ɔso nsuo o Me dɔfo, mɛhwɛ wo yie, na obi ammɛtweetwe wo Me dɔ da m'akoma so, nti me mmɛteetee wo Mma boys nyɛ see-sew, ɔmofrɛ wo a kyeekyew Ɔdɔ, deɛ ɛku me ne senea ɛyɛ a woseresere o Ɔkyekye ma me anɔpa, kata me ho anadwo fa Ahoɔfɛ akyi, ɔmmɔ me ka, meka sɛ, "Da" a, na wada Me se hwan, hwan na ɔte wiase a ɔmpɛ adepa Ahoɔfɛ, fa w'abusua bra, yɛnnom yɛn sika sa M'abusua no agye wo atum a yɛnkɔhu sɔfoɔ Ampa o, ɔdɔ ayɛ sɛ mpaboa, emu go ahodoɔ Wohu 'Galantee' kakrakaa nso so na ɛnni boɔ Saa a ɛnyɛ hyerɛnhyerɛm nyinaa na ɛyɛ sika kɔkɔɔ, hey! Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah Me ne wo dɔ yi ɛnsa da Sɛ obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah Me ne wo dɔ yi ɛnsa da Sɛ obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer As-Salaam-Alaikum, asɛ Maame ani kum Wahu Hammer no, Agyekum, still ɔse me ara aah na ɔgye tom' Efiti mmerɛ a mehyiaa wo deɛ, me han no ɛnnane sum Yɛn dɔ no, sɛ nka ɛnyɛ yie a anka againstfoɔ ayi fum? Wo dɔ ahyɛ m'akoma ma, yɛn dɔ no asɔ sɛ gyama Ɔsom me sɛ ne nana, nti mehu no a memfe Mama Me nko me buroni, manhu w'anim a meda a ɛnna Againstfoɔ ei! Monyɛ komm, na Wudome, ɛnhye gyama Me dɔ, wo body yi deɛ, ɛ'akɔnɔ, asɛ French rice Tell everyone who dey talk say, "We ain't Christ" Manhu wo birth rite, mɛhwɛ wo ara aah to wo death rite We be two, but biribi hia wo a, I no go think twice Ɔdɔ deda da me fam, me dɔ te me yam kɔm Ɛba no anigyeɛ a yɛgye bi, still ɔdɔ pɛ Nyamesom Hwɛ ne soro bɛsi ne fam, ne aniamma ne ne kɔn Wohu no a wohu sɛ ɔbaa nie, ɛnyɛ deɛ ɔrebɛkɔm, hey! Mehyiaa wo bɛsi nnɛ, sika hyɛ kotokuom' Wode wo nsa ka no deɛ a, woato pɛtɛ tuo Ɔhyɛ mini mpo ne suban sɛ fi kɛseɛm' Mada mpo ɔyane me serve me anadwo dasuom', hey! Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah Me ne wo dɔ yi ɛnsa da Sɛ obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah Me ne wo dɔ yi ɛnsa da Sɛ obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer Baby, oh, baby, oh, oh-oh Yɛmmubu nnua ngu y'asom', na nipa deɛ saa ne ahoɔyaa, oh, oh-ooh Babe, lady, oh, lady, oh, oh-oh Yɛmmubu nnua ngu y'asom', na nipa deɛ saa ne ahoɔyaa, oh-oh Sɔ me nsa, lets take a walk by the beach side Show me the road that what we have is So strong, and it feels right, yeah-eh Ɔdɔ, sɛ woamma a, ah-ah, nka me ho mmɔbɔ te sɛ akokɔ baatan Enti sɛ woaba abɛdɔ me a, me ne wo ara na ɛrekɔ eh Ma ɔmo nka deɛ ɔmo bɛka ɛ Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah Me ne wo dɔ yi ɛnsa da Sɛ obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah Me ne wo dɔ yi ɛnsa da Sɛ obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer
Writer(s): Denis Anaba, Osei Kwaku Vincent Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out