制作

出演艺人
Bernice Offei
Bernice Offei
表演者
作曲和作词
Bernice Offei
Bernice Offei
作曲
Media Excel Production
Media Excel Production
编曲

歌词

Adɛn koraa ne medi awerɛhoɔ
Ma mensɔre nyi me Nyame ayɛ
Adɛn koraa na meresu yi
Ma mensɔre nkyekye me werɛ
Na neɛ Ɔte me mu yi
Ɔso sene neɛ ɔwɔ wiase
Ɛno nti memma no kwan
Sɛ ɔrenwia m'anigyeɛ
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigyeɛ
Ɛno ne m'ahoɔden daa
Adɛn koraa ne medi awerɛhoɔ
Ma mensɔre nyi me Yesu ayɛ
Adɛn koraa na meresu yi
Ma mensɔre nkyekye me werɛ
Na neɛ Ɔte me mu yi
Ɔso sene neɛ ɔwɔ wiase
Ɛno nti memma no kwan
Sɛ ɔrenwia m'anigyeɛ
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigyeɛ
Ɛno ne m'ahoɔden daa
Onua, wo haw yi deɛ nso Ne yɛ
Onua, wo nsɛnkyerɛne ɛnam kwan so
Ɛno nti fa wo ntoma bɛbɔ me deɛ yi
Na yɛnyi yɛ Nyame ayɛ
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Onua, wo haw yi deɛ nso Ne yɛ
Onua, wo nsɛnkyerɛne ɛnam kwan so
Ɛno nti fa wo ntoma bɛbɔ me deɛ yi
Na yɛnyi yɛ Nyame ayɛ
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Daa daa daa daa...
W'ahyɛ me bɔ sɛ
Sɛ me ne Wonam wɔ wiase mu
Menya ɔhaw biaa
Na nsɔhwɛ nto me bio
Na mmom Wo se me sɛ
Sɛ menam ogya mu mpo a
Wo ne me na ɛwɔ hɔ
Enti ɛrenhye me koraa
Sɛ amanneɛ to me so a
Wo se mma mensuro
Ɛfiri sɛ Wo tenenee nifa no
Na Wode bɛkura me mu daa
W'ahyɛ me bɔ sɛ
Sɛ me ne Wonam wɔ wiase mu
Menya ɔhaw biaa
Na nsɔhwɛ nto me bio
Na mmom Wo se me sɛ
Sɛ menam ogya mu mpo a
Wo ne me na ɛwɔ hɔ
Enti ɛrenhye me koraa
Sɛ amanneɛ to me so a
Wo se mma mensuro
Ɛfiri sɛ Wo tenenee nifa no
Na Wode bɛkura me mu daa
Onua, wo haw yi deɛ nso Ne yɛ
Onua, wo nsɛnkyerɛne ɛnam kwan so
Ɛno nti fa wo ntoma bɛbɔ me deɛ yi
Na yɛnyi yɛ Nyame ayɛ
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Onua, wo haw yi deɛ nso Ne yɛ
Onua, wo nsɛnkyerɛne ɛnam kwan so
Ɛno nti fa wo ntoma bɛbɔ me deɛ yi
Na yɛnyi yɛ Nyame ayɛ
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Daa daa daa daa...
Onua, wo haw yi deɛ nso Ne yɛ
Onua, wo nsɛnkyerɛne ɛnam kwan so
Ɛno nti fa wo ntoma bɛbɔ me deɛ yi
Na yɛnyi yɛ Nyame ayɛ
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Anigyeɛ (Ɛfiri sɛ Awurade mu anigyeɛ)
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Ɛma yɛn ahoɔden (Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye)
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Ayeyi sɛ no
Bra na yɛnyi N'ayɛ daa (Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye)
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Ɛno nti fa wo ntoma bɛbɔ me deɛ yi (Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye)
Na yɛnyi yɛ Nyame ayɛ daa (Ɛno ne y'ahoɔden daa)
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Ɛfiri sɛ Awurade mu anigye
Ɛno ne y'ahoɔden daa
Written by: Bernice Offei
instagramSharePathic_arrow_out

Loading...