音乐视频

音乐视频

制作

出演艺人
Mabel Okyere
Mabel Okyere
表演者
作曲和作词
Mabel Okyere
Mabel Okyere
词曲作者

歌词

[Verse 1]
Aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
Nea mɛtumi aka ara ne sɛ
Awurade ahyɛ me animuonyam, eh
Aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
Nea mɛtumi aka ara ne sɛ
Awurade ahyɛ me animuonyam, eh
[Chorus]
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, Wahyɛ me anuonyam, eh
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, Wahyɛ me anuonyam
[Verse 2]
Hey, abrabɔ yim', nneɛma beberee na mafa mu
Nanso, asɛm to me a, mehyɛ me ho nkuran
Wonhu mpo sɛ ebi a na masu pɛn o, ah
Ɔhaw beberee na makɔ mu
Nanso, asɛm to me a, mehyɛ me ho nkuran
Wonhu mpo sɛ ebi a na mabrɛ pɛn o
Mese, aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
Bɔ mmɔden ara aah na hyia me o
Na hwɛ neɛ Awurade ayɛ o, ah
Aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
Bɔ mmɔden ara aah na hyia me o
Na hwɛ neɛ Awurade ayɛ o
Neɛ mɛka ara ne sɛ
[Chorus]
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, Wahyɛ me anuonyam
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, Wahyɛ me anuonyam
[Verse 3]
Neɛ ɛtoo me no, ato obi pɛn
Nanso w'antumi anyina ne nan so o
Me kra te ase, na ɛyɛ Awurade na ayɛ o
Neɛ ɛtoo me no, ato obi pɛn
Nanso wantumi anyina ne nan so o
Me kra te ase nnɛ a, na ɛyɛ Awurade na ayɛ o
Ei, mansɔ Nyame mu yie a, nka wiase ne me awie
Mansɔ Ne mu a, nka wiase ne me awie o
Nanso ne nyinaa mu, Yesu ahyɛ me animuonyam
Mabel Okyere, mansɔ Nyame mu yie a, nka ewiase ne me awie
Mansɔ Ne mu a, nka ɔne me awie o
Nanso ne nyinaa mu, Yesu ahyɛ me animuonyam, eh
Aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
Nea mɛtumi aka ara ne sɛ
Awurade ahyɛ me animuonyam, eh
Aha yɛ kwan ho, meka sɛ mɛka a nka adeɛ bɛkye o
Bɔ mmɔden ara aah na hyia me o
Na hwɛ neɛ Awurade ayɛ o
Neɛ mɛka ara ne sɛ
[Chorus]
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, Wahyɛ me anuonyam, eh
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, Wahyɛ me anuonyam
[Chorus]
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, Wahyɛ me anuonyam, eh
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, Wahyɛ me anuonyam
[Chorus]
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, Wahyɛ me anuonyam, eh
Mewɔ asɛm bi a mɛka a
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, Wahyɛ me anuonyam
Written by: Mabel Okyere
instagramSharePathic_arrow_out

Loading...