積分

演出藝人
Mama Esther
Mama Esther
演出者
詞曲
Esther Boakye-Duah
Esther Boakye-Duah
作曲

歌詞

[Chorus]
Time nkɔeɛ, bibiaa nka akyi mma wo
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Time nkɔeɛ, bibiaa nka akyi mma wo
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Verse 1]
Ɛbrɛ nkɔeɛ, bibiaa nka akyi
Nɔnsia bɛbɔ bio, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Ɛbrɛ nkɔeɛ, esum nnuroeɛ yi nkoaa deɛ
Nɔnsia bɛbɔ bio, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Chorus]
Time nkɔeɛ, bibiaa nka akyi mma wo
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Time nkɔeɛ, bibiaa nka akyi mma wo
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Verse 2]
Sɛ Yehowa tease Ɔyɛ N'adeɛ nyinaa wɔ Ne brɛ mu
Ɔma nɔnsia bɔ mprenu da ko
Obi deɛ bɔ no anɔpa
Obi deɛ nso bɔ ne annwummerɛ
Wo deɛ mmaeɛ mɛmmɔ Nyame suboɔ
Nɔnsia bi bɔ ama wo, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Sɛ ɛyɛ awoɔ asɛm
Ɛyɛ wo sɛ bibiaa aka akyi ama wo
Ɔdɔfoɔ wo nyini nkyɛn Hannah wate
Wonyini nkyɛn Sarah koraa
Wonyini sene Lisbeth oo
Wo brɛ na ɛnsoeɛ nti a
Nɔnsia bi ba ama wo, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Sere na mmerɛ nkɔeɛ
Di dɛw na sum nnuroeɛ yi nkoaa
Nɔnsia bɛ bɔ bio, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Chorus]
Time nkɔeɛ, bibiaa nka akyi mma wo
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Time nkɔeɛ, bibiaa nka akyi mma wo
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Verse 3]
Ɛbrɛ nkɔeɛ, bibiaa nka akyi
Nɔnsia bɛbɔ bio, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Verse 4]
Ɔbra a wobɔ a wonhunu ano
Enti ɛyɛ wo sɛ Onyame mpɛ w'asɛm koraa
Awurade adwene nte saa
Ɔwɔ wo ho adwene papa
Ebia anka wonya wo ho ntɛm
Anka anigyeɛ mmoroso ama w'ahyia mpatuwo
Onyame nnyɛ mfomsoɔ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Abrabɔ mu nsɛm
Ɛna ayɛ den ama wo
Ɛyɛ wo sɛ Onyame mpɛ w'asɛm
Ɔwɔ wo ho adwene papa
Menim obi a ɔnya ne ho ntɛm
W'anhunu so hwɛ ama ɔhyia mpatuwo
Nyame nim nyansa, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Sere na mmerɛ nkɔeɛ
Di dɛw na sum nnuroeɛ yi nkoaa
Nɔnsia bɛ bɔ bio, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Verse 5]
Tɛkyɛrɛma da bɔdweam
Mogya di wo mu afuru sane
Ɔdɔfoɔ wotumi kɔ a wo tumi ba no
Ɛyɛ ma wo kyɛn sɛ anka w'awu
Wo brɛ na ɛnsoeɛ
Na ɛnyɛ sɛ Nyame mpɛ w'asɛm koraa
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Tɛkyɛrɛma da bɔdweam
Mogya di wo mu afuru sane
Ɔdɔfoɔ wotumi kɔ a wo tumi ba no
Ɛyɛ ma wo kyɛn sɛ anka w'awu
Wo brɛ na ɛnsoeɛ
Na ɛnyɛ sɛ Nyame mpɛ w'asɛm koraa
Daddy nnyɛ mfomsoɔ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Sere na mmerɛ nkɔeɛ
Di dɛw na sum nnuroeɛ yi nkoaa
Nɔnsia bɛ bɔ bio, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
Time nkɔ ma wo, bibiaa nka akyi
Yesu tease deɛ, ɛyɛ dɛn ara nkunimdie bɛba
[Verse 6]

Written by: Esther Boakye-Duah
instagramSharePathic_arrow_out

Loading...