Lyrics

Ayeyi nka Wo din Din bi wɔ hɔ a ɛyɛ dɛ Ɛyɛ Yesu Kristo din Na ɛma ɔyera w'aba afie Na ɔbɛhome firi ne brɛ mu Edin bi wɔ hɔ a ɛyɛ dɛ Ɛyɛ Yesu Kristo din Na ɛma ɔyera Ɔyera w'aba fie Na ɔbɛhome afiri ne brɛ mu Mɛto N'ayeyie ho dwom daa Wɔ N'adom nkwagyeɛ no nti Yesu Kristo ne me gyefo Ayeyie nka Ne din daa Mɛto N'ayeyie ho dwom daa Wɔ N'adom nkwagyeɛ no nti (Nkwagyeɛ no nti) Yesu Kristo ne me gyefo Ayeyie nka Ne din daa (Ayeyie nka Ne din daa) Wɔbɔ Ne din ansa na wɔwo No Ɔnwanwani Yesu Kristo Isaia nkɔmhyɛni no Ɔhyɛ nkɔm sɛ Wɔbɛwo ɔba bani bi ama yɛn Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔnwanwani, Daa Agya, Asomdwoeɛ hene Wɔbɔ Ne din ansa na wɔwo No Ɔnwanwani Yesu Kristo Isaia nkɔmhyɛni no Ɔhyɛ nkɔm sɛ Wɔbɛwo ɔba bani bi ama yɛn Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔnwanwani, Daa Agya, Asomdwoeɛ hene Isaia nkɔmhyɛni no Ɔhyɛ nkɔm sɛ Wɔbɛwo ɔba bani bi ama yɛn Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔnwanwani, Daa Agya Therefore God has given You, a Name That is above every name That at the mention of Your name Every knee should bow and every tongue Confess that You are the Lord God Almighty Wɔbɛfrɛ ne din sɛ Wo yɛ Ɔnwanwani, Daa Agya, Asomdwoeɛ hene Ne din ne Jesus Ne din ne Jesus Edin wawansom bi a Wɔbɔeɛ ansa na wɔwo No Ne din ne Jesus Ne din ne Messiah Edin wawansom bi a ɛrentwa mu daa Ne din ne Jesus Adɔfonom Ne din ne Jesus Edin wawansom bi a Wɔbɔeɛ ansa na wɔwo No Ne din ne Jesus Ne din ne Messiah Edin wawansom bi a ɛrentwa mu daa Ne din no yɛ nwanwa Adom ahyɛ Ne mma Awurade Wo din no yɛ me nwanwa Nhyira wɔ mu Ne din no yɛ nwanwa Adom ahyɛ Ne mma (Jesus Ne din no yɛ nwanwa) Ne din no yɛ me nwanwa Adom ahyɛ Ne mma Awurade Wo din no yɛ me nwanwa Nhyira wɔ mu Ne din no yɛ nwanwa Adom ahyɛ Ne mma (Jesus Ne din no yɛ nwanwa) Ne din no yɛ nwanwa Adom ahyɛ Ne mma Awurade Wo din no yɛ nwanwa Nhyira wɔ mu Ne din no yɛ nwanwa Adom ahyɛ Ne mma Jesus (Jesus Ne din no yɛ nwanwa) We bless Your name Jesus We give You glory and the honor Lord Edin biara nni asaase yi so ne soro ne asaase ase Ɛne Wo Nyankopɔn Wo din sɛ Jesus Wo din Menim Ne din Ɔne Jesus Menim Ne din Ɔne Jesus Ɔyɛ ahen mu hen Ɔyɛ awura mu awura Menim Ne din Ɔne Jesus Ɔyɛ ahen mu hen Ɔyɛ awura mu awura Menim Ne din Ɔne Jesus Ɔyɛ ahen mu hen Awurade yɛ awura Awura mu awura I know His name His name is Wonderful Ɔyɛ ahen mu hen Ɔyɛ awura mu awura Menim Ne din Ɔne Je... Menim Ne din Ɔne Jesus Menim Ne din Ɔne Jesus Ɔyɛ ahen mu hen Ɔyɛ awura mu awura Menim Ne din Ɔne Jesus Edin no ma akwatafoɔ ho fi Edin no ma anifrafoɔ nso hunu ade Edin no ma abubuafoɔ wɔnante Edin no ne Jesus Edin bi wɔ hɔ Edin no firi ɛsoro Edin no reyɛ anwanwa dwuma Awurade Wo din Wo din no ne Jesus Wo din ho asɛm na yɛka Ɔsorosoro hene Asafo Awurade No name bigger than Yours No name greater than Yours Edin a tumi wɔ mu Edin a ahoɔden wɔ mu The name that is ever potent, Oh God Din no reyɛ anwanwa dwuma Na din no ne ... Edin no ma akwatafoɔ ho fi Edin no ma abubuafoɔ nso tu mmirika Edin no ma anifrafoɔ wɔhunu ade (Edin no ne Jesus) Ɔdɔ Nyankopɔn Woyɛ me gyefo Wanwani (Wo din no sɛ ayeyi ampa) Na Wo sɛ ayeyi Wo din no sɛ ayeyi ampa Na Wo sɛ Ɔdɔ Nyankopɔn Woyɛ me gyefo Wanwani Ahene mu hen Wo din no sɛ ayeyi ampa (Wo din no sɛ ayeyi ampa) Na Wo sɛ ayeyi Awurade Wo din no sɛ ayeyi ampa Na Wo sɛ ayeyi Awurade Wo din Ampa na Wo sɛ ayeyi Ɔdɔ Nyankopɔn Woyɛ me gyefo Wanwani Wo din no sɛ ayeyi ampa Na Wo sɛ ayeyi Wo din, Wo din no Ahuntahunu Nyame Judamu gyata Wo deɛ Wo sɛ... Yɛ nkwagyeɛ botan Wo din no sɛ ayeyi ampa Na Wo sɛ ayeyi Yɛ nkunimdie frankaa Wo din no sɛ ayeyie ampa Na Wo sɛ Me nkoaa me Nyankopɔn Wo din no sɛ ayeyi ampa Na Wo sɛ ayeyi
Writer(s): Diana Hamilton Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out