Lyrics

Muscatella, Mirinda, honey, biribiara nni hɔ a Ne dɛ te sɛ ɔno o Mese, m'adepa papa bi a, na ayera dadaada no Saa na abɛpue Atasewaa akɔnɔakɔnɔ, ka biribi kyerɛ me Memfa m'adepa a, abɛpie ha yi Hmm, dea mereka nyinaa na mepɛ sɛ me kyerɛ sɛ Hwan na na ne ba bɛn nie Anokwa mehuu no no, me yam hyee me Bue, ɔbaa bɛn ni Mede akokoduro kɔbisaa ne din Ma no yii m'ano sɛ, yɛfrɛ no Nana Ama Fa me kɔ, na menkɔ hunu w'agya fie Mepɛ sɛ mebisa maame asɛm Sɛ yɛkɔ na sɛ mekɔhu maame a, mɛka sɛ Beebia a, ɔda woo wo no, ɔnda hɔ biom Firi sɛ, ɔdɔ bi dansoa o Hwan na ne ba bɛn nie Sɛ mehwɛ, wo suban ne wo nne a Ampa sɛ, obi nnim a, obi kyerɛ Mepe sɛ, kɔbisa maame sɛ Maame sɛ, ne babaa bɛn nie Adekyinkyin, kyinkyin, adane m'adwen Me nsisiɛ nyinaa aka me tiri mu o Firi sɛ, ɔbaa ahoɔfɛfoɔ te sɛ yi deɛ Ne ho ka adeɛ a, gye sɛ sika koraa abaatan Saa yɛhwɛ, onipa ne ne mu atɛn Yɛ nananom kasa, ɛmu yɛ duru o Ampa sɛ, yɛka sɛ, bankye nyɛ a, ahaa Saa na agya na ɛbɛkyere nti Megyeegya me ho a, anka mato me ho agu o, ho ho ho Anka, mato me ho agu Awareɛ mu anigyie deɛ, nka menhyia biom Adehyeɛ ba, maka dada sɛ Yɛnfa ahoɔfɛ nkɔ awareɛ Nanso ɔbaa yi a, mabɛhyia yi no no Ahoɔfɛ ne suban deɛ, ɔfa no kwa Ɔsiesie ne ho na sɛ ɔrefira yi deɛ a Bue, sɛ deɛ, yɛrehwɛ no ara ni Yɛhwehwɛ sɛ ɔbɛtutu agu ne ho deɛ Ɔfitikuro te a, na ne ho agye efiefie mu Hmm, ɔdɔ bi dansoa o Hwan na ne babaa nie Yɛse, Akoa e, medan dɛ wo a o Obi ntumi ndane me akyenkyena Firi sɛ, ano da hɔ a, akekansɛm nti Nea wobɛte biara, fa w'ani to fɔm Afei, sɛsɛɛ, me nso mɛto aboa, woate Ma no afrɛ me Daddy Anokwa, sɛ deɛ, mereka nyinaa ba mu a Kwadwo, mɛto ne din Nyamekyɛ Hmm, firi sɛ, Nyankopɔn akyɛ me adeɛ o Ɛwɔ me wiase a, mebaayɛ yi mu Repeat Chorus till fade
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out