Music Video

Adaka Tea
Watch {trackName} music video by {artistName}

Upcoming Concerts for Daddy Lumba & Ateaa Tina

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Daddy Lumba
Performer
Ateaa Tina
Ateaa Tina
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter

Lyrics

Woasi so frɔm sɛ nhwiren Ɛna ama worekyerɛkyerɛ wo ho a Awia rebɛbɔ ama woaboto a-o Woayɛ frɔmfrɔm sɛ nhwiren a Ɛna ama worekyerɛkyerɛ wo ho a Dabi rebɛba ama woahye ah-oh Ɔdasani ei, nti wonim sɛ wobɛkyere boɔ a Woagye asaase yi akɛntɛn so a Barima ato wo ne mpoatwa yi Me nua, mfɔteɛ ne wo wɔ bi di ao Kɔ na wɔnkɔyɛ wo ho adwuma Wasɔre, abɛyɛ w'akakabensɛm yi Mese, mekyiri wei, mekyiri wei, metan wei Barima, yɛmfa nkɔsi hwee oh, ah Yɛn nyinaa, yɛde owuo ka o Sɛ Methuselah nyiniiɛ, nyiniiɛ, nyiniiɛ ah-eh Nyiniiɛ, nyiniiɛ, na sɛ wankyene ɔboɔ deaa, ah 'Nyansafoɔ mfa ntu yɛn ho fo ao Ɛbɛyɛ kakra na yɛde me nsa agu me bo a Charles ei, m'awieɛ no ara na aduru no a Yie, me so nni mfasoɔ biara, yaanom ei Nsono nkɔ nsono mu ah-eh Nnɔteɛ nkɔ nnɔteɛ mu Ɔkra Fosu nso ei, merekɔ agya wo ao Me daberɛ mu ne adaka teaa Adaka teaa ei Obiara nkwati no ao Adaka teaa ah Enti anyansafo nsua ɛ Momma yɛmfa ɔdɔ Na onipa ammedi kyɛre bi oh, oh Mmm, adaka teaa ei (adaka teaa ei) Nyɛ ade a, na obiara bɛkwati no ah-oh Adaka teaa ah Yie na ɔdɔ o (Momma yɛmfa ɔdɔ) ah (na onipa ammedi kyerɛbi oh, oh) Ɛnnɛ yi a mekɔɔ fie a Abusua regye me awaawaa atuu no Tina ei, me wuo akyi no a Ɛnnɛ yi a mekɔɔ fie a Abusua regye me awaawaa atuu no Tina ei, me wuo akyi yi a Ɛba sɛ merekɔserɛ abusuafoɔ yi a Ɔmo hunu me ara na, obiara bɛdwane o Na yɛakɔyi me so apaeɛ sɛ Ɔsaman aba fie o Ɔbatan pa a medɔ me mma o Mentumi nkɔsra me mma yi da Wɔhu' me a, na obiara bɛdwane o Firisɛ ɔsaman aba fie Mayɛ ɔsaman yi eh Saman twɛntwɛn Ɔsaman eh, ma w'ani nka w'amena mu ao Wo daberɛ mu ne adaka teaa Adaka teaa ei Obiara nkwati no ao Adaka teaa ah Enti anyansafo nsua ɛ (Momma yɛmfa ɔdɔ) ah Na onipa ammedi kyɛre bi oh, oh Mmm, adaka teaa ei (adaka teaa ei) Nyɛ ade a, na obiara bɛkwati no ah-oh Adaka teaa ah Yie na ɔdɔ o (Momma yɛmfa ɔdɔ) ah (na onipa ammedi kyerɛbi oh, oh) Adaka teaa ei Adaka teaa ah Momma yɛmfa ɔdɔ Na onipa ammedi kyɛre bi oh, oh
Writer(s): Kwadjo Fosu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out