Credits

PERFORMING ARTISTS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Songwriter

Lyrics

[Chorus]
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Owuo yɛ apetuakyɛ
Ɛso ɔpanin, na ɛso abɔfra
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Ɔbaatan wuo ɔ'ya
Nanso awisia bɛyɛ no deɛn?
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Me ba ei, fa m'awerɛkyekyerɛ
Na gyae su o, awisia
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
[Verse 1]
Obi awisia, due o
Due na hyɛ den o
Na adeɛ akye abia
Ao, nnipa ne owuo yi
Oniwaa baatan
Ɔdomankoma se ɔrehwehwɛ no
Ampa a, monsu no o, monsu no
Eno ako atɔ
Ɛnnɛ deɛ, deɛ osuo tɔ a, ɔkɔ no, aah
Na ɔntumi nkɔ biom no o
Deɛ ɔkɔm de wo a wobɛkɔ no hɔ no nso a
Na ɔkɔ ɛnnɛ sei yi
Deɛ wofiri sukuu ba a
Ɛyɛ a woworɔ w'ataade to gu ne so no aah
Ɔno n wagya wo hɔ kɔ asamando yi
Awisia, wobɛyɛ no deɛn?
Woka sɛ worehwɛ deɛ owuo ayɛ woɔ yi a
Wobɛdi awerɛhoɔ, asu saa ara
Ɛbɛtɔ da na wo nnisuo asa
Enti gyae su, na hyɛ den o
Fa awerɛkyekyere firi me nkyɛn
Awisia, hyɛ den, na gyae su o
[Chorus]
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Owuo yɛ apetuakyɛ
Ɛso ɔpanin, na ɛso abɔfra
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Ɔbaatan wuo ɔ'ya
Nanso awisia bɛyɛ no deɛn?
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Me ba ei, fa m'awerɛkyekyerɛ
Na gyae su o, awisia
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
[Verse 2]
Obi awisia, due o
Due na hyɛ den o
Ɛnhwɛ deɛ owuo ayɛ wo yi
Ɛmfa akotokyiwaa nkata wo ti
Na ma w'ani nna fam o
Ayie aba yi a nkorɔfoɔ renom nsa reboro yi
Obiara nim deɛ ɛsi ne bukyia akyi
Okusie se ɔbɛtena kwantempɔn mu a
Su ne mmirika, na ɔwɔ akokoduro
Wo nso deɛ, neɛ ɔkɔpɛ na waprɛ wo adidie yi
Ɔno nti na amanfoɔ nyinaa regyam woɔ yi
Enti gyae su na hyɛ den
Na fa wo nsɛm nyinaa ma Nyame
Twereduampɔn no, a'sɛ asoroboa no
Wofa No yɔnko a, wo kɔtɔkorɔ nka soro
Awisia, hyɛ den o
Me yɔnko awisia, gyae su, wae?
Na saa na owuo bɛyɛ onipa biara
[Chorus]
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Owuo yɛ apetuakyɛ
Ɛso ɔpanin, na ɛso abɔfra
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Ɔbaatan wuo ɔ'ya
Nanso awisia bɛyɛ no deɛn?
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
[Chorus]
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Owuo yɛ apetuakyɛ
Ɛso ɔpanin, na ɛso abɔfra
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Ɔbaatan wuo ɔ'ya
Nanso awisia bɛyɛ no deɛn?
Gyae su o, obi ba
Gyae su o, mɛnsu, awisia
Written by: Nana Kwame Ampadu
instagramSharePathic_arrow_out

Loading...