Music Video

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Kofi B
Kofi B
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kofi B
Kofi B
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Kofi B
Kofi B
Producer

Lyrics

Yie ei, oh, mmɔbrɔwa Mennim m'ano mmue Merekɔ a, na mekuta me kora Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na merefa hene? Yaanom, mefira ntomago nti Kofi ei, menni apiripiragorɔ Asɛm to me seisei a Ɔkakyerɛfoɔ ne hwan? Asɛm to me seisei a Ɔkyigyinafoɔ ne hwan ni? Maame a ɔwoo me, ei Eno Achiaa no, ɔnni bi o M'agya, Akwasi Addae nso Paapa, ne nsa mu nni bi o Meredwene me ho o Meredwene me ho o Meredwene me ho o Meredwene me ho o Mennim m'ano mmue Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mennim m'ano mmue Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na mereyɛ deɛn ni? (Ɛde me bɛkɔ) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ) Meredwene me ho o (aah) Meredwene me ho o (mmɔborɔwa) Meredwene me ho o (aah) Meredwene me ho o (mmɔbrɔwa) Eboo, me deɛ meyɛ ɔbɔtoɔ nti Aberɛ biara memfa me ho nkɔbɔ nkaawa Woka me seisei ara, na mammua wo a Ɛno nkyerɛ sɛ, ebia mesuro wo Woka me ntɔkwa wɔ ayie ase na mamfii wo a Ebi a na emfiri me nnipa o Asɛm to me a Ɔkakyerɛfoɔ ne hwan ni? Meyare seisei ara a Ɔhwɛfoɔ koraa ne hwan ni? Meredwene me ho o Meredwene me ho o Enwire ani sa ntomago nti no Meredwene me ho o Asabɔne sɛ ohiani ba nti no Meredwene me ho o Mayɛ atɛntrenhuro Meredwene me ho o Mennim m'ano mmue Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mennim m'ano mmue Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na mereyɛ deɛn ni? (Ɛde me bɛkɔ) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ) Meredwene me ho o (aah) Meredwene me ho o (mmɔborɔwa) Meredwene me ho o (aah) Meredwene me ho o (mmɔbrɔwa) Sɛ meyɛ komm a, ɛyɛ a na ebinom nte aseɛ Ebinom se meyɛ animuonyam pɛ Daabi, ɛnyɛ saa na ɛteɛ Ɔbra yi mu dadwene bebreebe yi nti Da biara, mayɛ komm yi Sɛ wohunu anwene korɔ a Ɛyɛ a mɛnto no aboɔ Sɛ wohunu anwene korɔ a Ɛyɛ a mɛnto no aboɔ o Ebi a na ɔfiri dodoɔ mu Efie nsɛmnsɛm na abɔ me asesa Afei, mewɔ adwene pa bi sɛ Mɛyɛ bi aboa abusua yi, nso Monhwɛ deɛ hyɛbrɛ ayɛ meɛ yi Monhwɛ nea ɔbra yi de me akɔwie Mewɔ adwene pa o Na mewɔ adwene pa o Anomaa biara ho bɛyɛ fɛ nso a Ɛyɛ a na ɛfiri ntakra pa a wanya nti Menni ɔboafo nti Abrabɔ mu ayɛ tawee yi Meresu me ho o Meresu me ho o Adom Nyame ei Wo ara na m'ani da Wo so o M'Aboadeɛ dɛɛfoɔ ei Wo ara na medan Wo o Meredwene me ho o Meredwene me ho o Meresu me ho o Meresu me ho o Mayɛ atɛntrenhuro Mayɛ atɛntrenhuro Mayɛ atɛntrenhuro Mayɛ atɛntrenhuro Mennim m'ano mmue Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mennim m'ano mmue Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na mereyɛ deɛn ni? (Ɛde me bɛkɔ) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ) Meresu me ho o (aah) Meresu me ho o (mmɔborɔwa) Meresu me ho o (aah) Meresu me ho o (mmɔbrɔwa) Mennim m'ano mmue Merekɔ a, ma mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mennim m'ano mmue Merekɔ a, na mekuta me kora (mmɔborɔwa) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na merefa hen ni? (Ɛde me bɛkɔ) Mayɛ atɛntrenhuro Mframa bɔ me a na merefa hene? (Ɛde me bɛkɔ) Meredwene me ho o (aah) Meredwene me ho o (mmɔborɔwa) Meredwene me ho o (aah) Meredwene me ho o (mmɔborɔwa) Meredwene me ho o Meredwene me ho o (mmɔborɔwa) Kofi Stone ei Kofi se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa) Maabena Nyarko ei Abena se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa) Suzzy ei Ɔno nso ɔredwene ne ho (mmɔborɔwa) Ofori Amponsah ei Kwame se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa) Possigee ei Kwasi se ɔredwene ne ho o (mmɔborɔwa) Yɛnnim y'ano mmue Yɛrekɔ a, yɛkuta yɛn kora (mmɔborɔwa) Yɛnnim y'ano mmue Yɛrekɔ a, yɛkuta yɛn kora (mmɔborɔwa)
Writer(s): Kofi B Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out