Music Video

Mother
Watch {trackName} music video by {artistName}

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Songwriter
Ulopa Ngoma
Ulopa Ngoma
Songwriter

Lyrics

Sɛ yɛka sɛ ɔdɔ bi yɛ owuo a Nnipa bi wɔ hɔ a, ɛyɛ a wɔnte aseɛ, ɛnyɛ wɔn ah Efirisɛ wɔnhyiaa ɔdɔ pa bi da o Ɔdɔ pa no a ɛyɛ owuo no Deɛ ɔnnim no mmisa Kwabena LaPaul Sɛdeɛ awommawu yɛ ya a Ɛyɛ a akokɔ baatan na yɛbisa noɔ no Sɛ ɔdɔ wuo nso yɛ ya a Momma yɛmmisa Owusu Adummiri Kwabena ei Ne dɔ akɔwu ato no so Wawu ato ne so wɔ akwantimfi aah-eh Mother ei, Adwoa Foowaa Woama Kwabena adi amia wɔ akwantimfi Akwantimfi wuo yaaya, aah Ao, Mother ei Ɔdɔ, na wogyaa me sɛn ni, ao? Adwoa Foowaa Adwoa Foowaa Ɛnwom a meretoɔ yi, awerɛkyekyerɛ ntia Kwabena ei, mereto nwom yi ama wo o Mawɔ de akyinkyin, kɔhyia m'abɛwɔ, Kwabena ei Makyinkyin akɔhyia me nsoroma dɔ, Foowaa Me ne ɔdɔ ahyehyɛ ato hɔ sɛ Easter mu na yɛbɛware o Yie ei, Yawoada bi ayɛ me dabɔne Yawoada a adeɛ kyee, Yesu, amanehunu, Kwabena ei Me ne ɔdɔ asi mu a yɛrekorɔ, Boat ei Ɔboɔ mma, yɛbɛforo atwere a, anoma o Yɛduruu Anyinamu a, adeɛ asa yɛn Ɛna mese Mother mma yɛnna o Yie ei, sɛɛ owuo sisi aso o, Kwabena ei Mother se, "Kwabena ei, ma yɛnkorɔ o Na ha na ɔdwen anomaa ara nie Ɔboɔ mma, yɛbɛforo yɛn tete kokoɔ yi nnɛ o M'asɛm yi, mekae a, ɛsɛ me nsa o Foowaa ama asɛm ato me wɔ kwan mu Akwantimfi wuo yayaaya Ao, Mother ei Ɔdɔ, na wogyaa me sɛn ni? Ao, Adwoa Foowaa, aah Ao, Adwoa Foowaa Yɛfirii Anyinamu a yɛrekorɔ Anyinamu a, aberɛ Kotei mu wɔ yɛn kwan yi mu Car a yɛde rekorɔ de yɛn ahwe ase o, Kwabena ei Sɛɛ na Mother wuo mu ara no no o Mehunuu sɛ ɛbɛba no saa a, Kwabena ei Anka medii me wuda mu tii Mother, aah Ɛda a yɛhwee aseɛ, ne nansa soɔ Mother wuo agya me akwantimfi Akwantimfi wuo yayaaya Ao, Mother ei Ɔdɔ, na wogyaa me sɛn ni? Ao, Adwoa Foowaa, aah Ao, Adwoa Foowaa Mother ei, Adwoa Foowaa Mabɔ ɔhyɛ wɔ su afrɛfrɛ wo, ao, Mother ei Efirisɛ ɔdɔ pa ho yɛ na o Enti Mother ei, Kwabena se ɛyɛ a boa no o Na ɔnya deɛ ɔte sɛ wo na ɔne no atena Kwabena se, ɛyɛ a watumi akae wo o Mother ei, woama no adi amia wɔ akwantimfi Akwantimfi wuo yayaaya, aah Ao, Mother ei Ɔdɔ, na wogyaa me sɛn ni? Ao, Adwoa Foowaa, aah Ao, Adwoa Foowaa Asɛm to wo a na wohunu w'adɔfoɔ Owura Nti ei, w'aseda nni o Nti a wofiri Akutuase, Asante Akyem LaPaul se ɔdaase, daase a ɛnsɛ o Owura J. K., o Darko ei Agya Yaw Berko ba, Darko ei Nimo so dehyeɛ, Daarko ei Wo ba, Kwabena, se, ɛyɛ a ɔda wo ase o Wɔfa Kwasi Amoah Gyima ei Amoa a ɔkae adehyeɛ, Amoa Obooni ei Wo nanaa, Kwabena se, ɔda wo ase daa Ɛnyɛ mo a nka n'ani so bɛtan no o Ɛberɛ a Mother wu gyaa no wɔ akwantimfi no Kwabena ei, wo dwom ni o Owusu Boateng, ɛnni awerɛhoɔ beberee Efirisɛ, ɔdɔ bi yɛ owuo Ewiase yi, sɛ ɛteɛ ara no no o Mother ama asɛm ato no wɔ akwantimfi Akwantimfi wuo yayaaya, aah Ao, Mother ei Ɔdɔ, na wogyaa me sɛn ni? Ao, Adwoa Foowaa, aah Adwoa Foowaa
Writer(s): Nana Ampadu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out