Lyrics

Aku ei, awisia M'ade yɛ mmɔborɔ o Ɛna ne agya awu agya me Aka me nko ne m'abrabɔ Ɛmmerɛ bi na ɔpanin bi Ɔne ne yere na ɛte hɔ Awoɔ ho yɛɛ den maa wɔn Akyire yi na Onyame kyɛɛ wɔn ba baa Ɛna wɔtoo akwadaa yi din sɛ Aku o, Aku Amanfoɔ awerɛhosɛm Ɛmmerɛ a ɔbaatan yi wooeɛ pɛ Anni nnaanu, anni nnansa Ɛna ɔwu gyaa akwadaa yi hɔ Ɛno nti, neɛ ɛbaaeɛ ne sɛ Papa yi kɔwaree ɔbaa foforɔ Ɔde Aku hyɛɛ ne nsa sɛ Ɔntete ne yie mma no Ɛmmerɛ a Aku tutuu soɔ no Awerɛhosɛm a ɛtɔ so mmienu Ɛda bi na papa yi kɔtɔɔ dadefidie Ɛmu akɛseɛ a yɛfrɛ no Jack no Ɔbɛsum de too adihɔ sɛ Anka ɔde rebɛkɔ wiram Ɔde akɔsum mmoa bi a Ɛyɛ a ɔbɛsɛe n'afuo Ɔsumm fidie yi too hɔ no Aku firi hen o, firi hen o Akwadaa a ɔnnim biribi ara Ɔde ne nsa kɔhyɛɛ dadefidie yi mu Amanfoɔ, obi mmra o! Obi mmra o, obi mmra o! Eduruu sɛ wɔtumii yii ne nsa no Na ne nsa no, ɛso atwa koraa Ɛyɛɛ saa maa papa yi Ɔfaa ho dii awerɛhoɔ ara aah Anni nnaanu, anni nnansa Ɔno nso wu gyaa aku hɔ Ɛkaa agyanka yi nko ara Aka ne nko ne n'abrabɔ Aku ei, awisia M'ade yɛ mmɔborɔ o Ɛna ne agya awu agya me Aka me nko ne m'abrabɔ Deɛ ɔbɛdii Aku papa ade yi nso a Wante n'ani anhwɛ agyanka yi yie Ɔne ne yere de nhyɛsoɔ Ɛne ateatea na ɛtetee agyanka yi Aku nso ampa aba Ɔde ne nsɛm maa Nyame Ɛmmerɛ a ɔnyini yɛɛ ababaawa no a Anokwa, na ne ho ɔ'fɛ yie paa ara Onyame nso tiee ne mpaebɔ Ɛda bi, ɔmanhene rehyɛ fa no Aku faa no ho kɔɔ afahyɛ yi ase Ɔmanhene ani kɔbɔɔ ne so a Ɔse ɔbaa yi ara na ɔbɛwaa no Ɛno nti, ne tiawa twa mu no Aku kɔdanee ɔmanhene yi yere Moahunu sɛdeɛ Nyame yɛ N'adeɛ Ɛno nti, obiara wɔ hɔ a Fa wo nsɛm ma Nyame Wosu frɛ no a, Ɔbɛgye wo so Wobɛyɛ yie ama ɔtamfo ani awu Aku ei, ɛnsu o Na Onyame, Ɔnnaaeɛ o (ao!) Su frɛ No, na Ɔbɛgye wo so Wobɛyɛ yie ama ɔtamfo ani awu o
Writer(s): Nana Ampadu Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out