album cover
ADOM
18,907
Christian
ADOM was released on March 28, 2012 by Mama Esther as a part of the album Waye Lucky
album cover
Release DateMarch 28, 2012
LabelMama Esther
Melodicness
Acousticness
Valence
Danceability
Energy
BPM82

Credits

PERFORMING ARTISTS
Mama Esther
Mama Esther
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Esther Boakye-Duah
Esther Boakye-Duah
Composer

Lyrics

[Verse 1]
Ɛna Maria ka sɛ, me kra kamfo Awurade
Na m'agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no
Ɛfiri sɛ W'abɛhwɛ abaawa wɔ ɔhia asetena
Ɛfiti ɛnnɛ de rekɔ
Awoɔ ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nhyira
[Chorus]
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom bi na ma mete ase
Nyame adom, Nyame adom nkoaa
Adom bi na ma mete ase
Adom oo, Adom oo
Adom oo, Adom oo
Adom oo
Nyame adom nkoaa
Ɛno na ɛma mete ase
Ɛnyɛ Nyame adom a anka mefiri henfa
Mɛkasa ɛyɛ Nyame adom
Me nhoahoa me ho wɔ deɛ metumi yɛ ho
N'adom na ayɛ me sei yie
Nyame adom, Nyame adom nkoaa
Ɛno ara na ayɛ me sei yie
[Verse 2]
Adaeɛso bi m'afa mu paa
Yikyerɛ ahodoɔ afa m'ani so
Ahokyerɛ ahodoɔ m'akɔ mu paa
Amanneɛ ɛto me naa no
Ɛnyɛ Nyame ahummɔbrɔ anka me fa mpo adwodwo
Mɛka sɛ ɛyɛ Nyame adom
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho
N'adom na ayɛ me sei yie
Adom na mete aseɛ
Adom mu na mekeka me ho
Adom na de mekɔ na de meba
Adom mu na meyɛ m'adeɛ nyinaa
Ɛnyɛ Nyame adom anka mente aseɛ
Adom oo, Adom oo
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho
Efiri sɛ N'adom na ayɛ me sei yie
Adom ma ɔbɔnyini awo ba
Adom ma ɔdeda mfikyire aba fie
Adom ama ohiani ayɛ ɔdefoɔ
Adom ama ɔwerɛhoni anya anigyeɛ
Ɛnyɛ Nyame adom anka me deɛ mefiri hen fa
Mɛka sɛ ɛyɛ Nyame adom oo
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho
N'adom na ayɛ me sei yie
[Verse 3]
Metumi kɔ tumi ba ɛyɛ Nyame adom
M'adagya so akata ɛyɛ Nyame adom
Menya medi nya bi kyɛ ɛyɛ Nyame adom
M'anya baabi ada ɛyɛ Nyame adom
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ ho
Adom na ayɛ me sei yie
Nyame adom w'ate
N'adom na ayɛ me sei yie
Nyame adom oo, Nyame adom nkoaa
Ɛno ara na ayɛ me sei yie
[Verse 4]
Mmɔbrɔni a ɔte sɛ me
Atetekwa mennim baabi
Frɛtɔ ni a ɛte sɛ me
Adwoa deɛ mefiri hen fa ni
Adom firi so abɛdom me ba deɛ a
Mɛka sɛ ɛyɛ Nyame adom
Me nhoahoa me ho wɔ neɛ metumi yɛ biara ho
Efiri sɛ N'adom na ayɛ me sei yie
Ɛboɔ dantofoɔ ato atwene
Ɛbɛyɛ twease boɔ titiri bi no
Eii, sumina aso adeɛ paa
Atumi apue badwam
Ɛnyɛ Nyame adom anka me deɛ meyɛ dɛn ni
Wei nyinaa yɛ Nyame adom
Mɛkaekae deɛ Ɔdomfoɔ Nyame ayɛ me daa
N'adom na ayɛ me sei yie
[Verse 5]
Nyame adom, Nyame adom nkoaa
Ɛno ara na ayɛ me sei yie
Nyame adom, Nyame adom
Adom bi na ayɛ me sei yie
Nyame adom, Nyame adom nkoaa
Ɛno ara na ayɛ me sei yie
Nyame adom N'adom na ayɛ me sei yie
Nyame adom, Nyame adom nkoaa
Ɛno ara na ayɛ me sei yie
Written by: Esther Boakye-Duah
instagramSharePathic_arrow_out􀆄 copy􀐅􀋲

Loading...