Listen to Adiepena (feat. Meiway, Dyloot, Beverley Tawiah, Nana Yaa, Frankie Paul, Akyemfour & Prickie) by Kojo Antwi

Adiepena (feat. Meiway, Dyloot, Beverley Tawiah, Nana Yaa, Frankie Paul, Akyemfour & Prickie)

Kojo Antwi

World

21,567 Shazams

Lyrics

Ade pa yɛ na (pronounced together as Adeɛ p'ɛna) Ade pa yɛ na aah! M'afrɛ wo w'ahomatorofoɔ no so 'a thousand times' Nanso ɛnne bi kakyerɛ me sɛ adum Wowɔ 'out of coverage area', ama mennhu ade a menyɛ Ade pa yɛ na aah! Anka me ne wo na ɛbɔ nkosua tafre Nti wo ampara na woayɛ me mu yi Nti me ampara na woayɛ me sei Wose wo ne me too nkwanta a, yɛapae Ooh! oh! oh! Menim sɛ wokaa sɛ mma menfrɛ wo biom Menim sɛ wokaa sɛ mehu sɛ woreba koraa a, mentwa mu Menim sɛ wokaa sɛ mehyia wo sunsum koraa a, menhwɛ na maankyea no Nanso mayɛ ho biara mentumi o Mepɛ sɛ mete wo ne 'one more time' Mepɛ sɛ mehu w'anim ɛbiom Mepɛ ɛkwan ahua wo ho perfume Ɛno ne me awerɛkyekyerɛ Mepɛ sɛ wodɔ me 'once again' Ade pa yɛ na ooh! Ɛnora anka truck kɛseɛ bi reyam me koraa Sɛ na traffic light no asɔ ogya Nanso wo ho adwendwen nti medwen sɛ na ɛse mentwa mu Ade pa yɛ na ooh! Anka metumi ase ɔsram apata wo a Anka mɛtu akɔ soro te sɛɛ akrɔma, ate kyɛkyɛ nso aka ho Ama w'akoma atɔ wo yamu Menim sɛ wo a'warn' me sɛ menso wo ho daɛ biom uuh! Menim sɛ wokaa sɛ mebɛto sɛ obi reku wo koraa mentwa mu uuh! Menim sɛ wokaa sɛ mehyia wo sunsum koraa menhwɛ na maanka 'hello' Hwɛ deɛ wose ayɛ me Mepɛ sɛ mete wo ne dɛɛdɛ no 'one more time' Mepɛ sɛ mehu w'anim fɛfɛɛfɛ no ɛbiom Mepɛ kwan ahua wo ho perfume Ɛno na ɛma awerɛkyekyerɛ, mepɛ sɛ mete wo kasa dɛ no Mepɛ sɛ mekan w'asene ahweneɛ Mepɛ sɛ mesɔre anɔpa wɔ wo koko so ɛ Mepɛ sɛ mesɔ wo nsa kɔ me sɔfo anim ɛ Mepɛ sɛ Mepɛ sɛ wodɔ me once again Repeat Ade pa yɛ na, wo ho ayɛ na Ade pa yɛ na aa! Ade pa yɛ na aa! (repeat) M'adeɛ bi ayera, m'adepa bi ayera, ade pa yɛ na Me ne wo na ɛbɔ kosuaa tafre Wo ne m'adamfowaa, m'adeɛ bi ayrea, m'adepa bi ayera
Writer(s): Kwadjo Antwi Tano Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out