Music Video

Sarkodie - Hope [Brighter Day] ft. Obrafour (Audio Slide)
Watch {trackName} music video by {artistName}

Featured In

Lyrics

Yeah Jah, Mr. J, baby Ahuh, yeah Tebea a wote mu biara, wowɔ nkwa deaa mma w'abamu 'mbu' Nsuo bɛtɔ, na nsuo no te a awia bɛbɔ nti mɛnsu Sɛ wiase koraa bɛpo wo, na abusuafoɔ bɛyi wo ama a Twereduampɔn se N'ani wɔ Ne mma so, mma w'akoma ntu Osu a woresu, awerɛhoɔ a 'woredie' yi, nea worefa mu nyinaa Ɛboro wo so, ano 'ɔhye paa nti 'yɛ a wonni akoma a Yɛn Nyankopɔn wɔ ahummɔborɔ kɛseɛ ma Ne mma Okristoni ho ntɔɔ no deaa ɔda a ɔnna Ɔtoo me pono m'atamfo anim, 'ɛmmrɛ' a menni anidaso Ɔsɔɔ me nsa de me twaa po kɔkɔɔ, wannyaa me kwan so Sɛ saa Nyame yi Ɔdaso te ase deaa w'ani da hwan so? Tetebotan, Wayɛ bi pɛn, Ɔdaso gyina Ne nan so Ɛmfa w'ani nto wiase Wo Nyankopɔn no te ase Ogyidini bɛhwe ase Mprɛ aduasa w'anim bɛgu ase Nnipa bɛsere wo na, wonyɛɛ hwee koraa na yɛretwe w'ase Ne nyinaa ara mu wobu nkotodwe a ka sɛ, "Nyame meda'ase" 'Sɛneɛ' Ɔkɛseɛ tumi bɛda adi nti no Nsɔhwɛ bebree bɛto wo so kae baabi a wofi' no Yɛkyerɛɛ wo dunsini bi fie nanso wodan w'akyi no Mebɔ mpaeɛ wonsa bɛka wodeɛ wɔ Yesu din mu Obedebepɔnbede Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w'aba mu mmu Gyina pintin na mma w'akoma ntu Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w'abamu mmu Gyina pintin na mma w'akoma ntu Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie You've been looking for someone To take your sorrows all away One to hold you tight and say Everything's gon' be okay Kae sɛ ɔbrɛ a worebrɛ nyinaa W'amanehunu a wonam mu yi a Ɛnyɛ 'dɛn' a ɛtoɔ bɛtwa Hold on to your faith There will be a brighter day Brighter day Brighter day Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o There will be a brighter day Brighter day Brighter day Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ (yeah) brɛ kwa o (yeah) Ɔkaa' N'asɛm mu sɛ Ɔyɛ N'adeɛ wɔ Ɔno ara ne mmerɛ mu Ɛda a Ne ngosra no bɛba no, ɛtoa so mmienu mmienu Ɔgyina w'akoma mu pono no rebɔ m' Fa anigyie fa bie no Sika a worepɛ nti na woresu yi Obi anɔpa yi yɛasie no Wiase agyapadeɛ ma ɔdasani nte Nyankopɔn ase Sika a yɛpɛ nti 'yɛ a na akristofoɔ koraa nya ntoboaseɛ Ɔse Nyankopɔn yɛ nsɛnkyerɛnee na mente W'ase Boniayɛfoɔ, nsɛnkyerɛnee ne sɛ woda so te ase Asɔfoɔ de wiase afɛɛfɛdeɛ no reha asɔre mma Woantɔ kaa na woansi dan na sɛ, obiara nte wo nka Kyerɛ sɛ wiase mu a wobaaeɛ deɛ na wobaa no kwa Nea ɔte sika mu nso ɔhia yafunu awo ba Nea yɛde reyɛ Nyankopɔn, nka wo a nka ɛnyɛ wo ya? Wo deɛ fa no sɛ mfie bebree a wode ahwɛ wo ba Wohwɛɛ no school, 'ɛmaa no aduane sanso bɔɔ ne ho ka Na wanyin' abɛka akyerɛ wo sɛ, "Daa, woaha me papa" Ah, saa ara na yɛma Nyankopɔn di yaw Nhyira ne w'akoma na ɛnyɛ wo sika o Akristofoɔ sɛ y'ani bɛsɔ nea yɛwɔ a Ɛbɛyɛ Nyame fɛ, Ɔno ankasa bɛhyira wo Obedebepɔnbede There will be a brighter day Brighter day Brighter day Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o There will be a brighter day Brighter day Brighter day Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o, oh, oh Menim sɛ 'ɛberɛ' a yɛyɛ nnipa no deɛ (yɛyɛ nnipa no deɛ) Wiase atwetwesie ne ammaneɛ, ne ɔhaw, abu yɛ'kɔn deɛ Saa ara na ɛteɛ Na kae sɛ, ɔbra yi yɛ ɔko o Ntwɛtwɛdɛ ne nisuo Wowɔ nkwa a, wowɔ ade o Na berɛ nyinaa, keep hope alive Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w'aba mu mmu Gyina pintin na mma w'akoma ntu Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w'aba mu mmu Gyina pintin na mma w'akoma ntu Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie You've been looking for someone To take your sorrows all away One to hold you tight and say Everything's gonna be okay Kae sɛ ɔbrɛ a worebrɛ nyinaa W'amanehunu a wonam mu yi a Ɛnyɛ 'dɛn' a ɛtoɔ bɛtwa Hold on to your faith There will be a brighter day Brighter day Brighter day Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o There will be a brighter day Brighter day Brighter day Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o, oh, oh
Writer(s): Joseph Stephen John Ashworth Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out