Lyrics

Ayerɛmo o Ayerɛmo na twa ayerɛyerɛm yi o Ositaso nso de awoɔ na ɛnam o Nti mefrɛ wo a, bra o Bra ma mengyegye wo so ɛ Na ntoma yɛ ntomago koraa, ɛno ara na me ne wo bɛfira Oh, ɔdɔ yɛwu, wo ne me dɔ kakyire, w'akyi no, obiara nni hɔ o Oh, m'akoma mu kakyire ei, sa adukrom nsuo bɛgu me me nim ɛ Na ɔdɔ nsukɔm de me Bra o, bra o, bra o, ɔdɔ ei, bɛ nane w'ano wɔ me tɛkerema ho ei Ɔdɔ ei, bɛ nane w'ano o, wɔ me tɛkerema ho ei Na mese me ne wo bɛwo akɔnɔba Ahh, me ne wo bɛwo akɔnɔba Ohh, me ne wo bɛwu o Ohh, me ne wo bɛwo akɔnɔba Ahh, yɛbɛgoro ama adeɛ akye o Ɔdɔ, woba a, mɛka wo aseresɛm bi Mɛto nnwom dɛɛdɛ de adeda wo o, wo dabrɛ ɛne m'akoma mu o Ɔdomankoma tɔfe a yɛtafere ho yi Ɛnsa da, ɛne tɛkerɛma ei, ɔdɔ ei, mederetwɛn wo o Oh, ɔdɔ yɛwu ei, woabie biribi so akyerɛ me ama m'adwen adi kyimhyia Makyimkym ara, ama no abɛsi wo so ɛ Annwummire yi, weather no de ne ho aba nti, bɛka me ho hye o Ɔdɔ yewu ei, bra o Ɔdɔ ei, bɛ nane w'ano o, wɔ me tɛkerema ho o Ɔdɔ yɛwu ei, bɛ nane w'ano o, wɔ me tɛkerema ho ei Na mese me ne wo bɛwo akɔnɔba Ahh, me ne wo bɛwo akɔnɔba Ohh, me ne wo bɛwu o Ohh, me ne wo bɛwo akɔnɔba Ahh, yɛbɛgoro ama adeɛ akye o Fa ɔdɔ bɛkata me ho ɛ Na nsuo a ɛdɔ wo no a, na ɛkɔ w'ahina mu a Annwummire yi, me ne wo bɛwo akɔnɔba Na yɛato ne din sɛ, ɔdɔ ba Nyamekyɛ ei Bɛ nane w'ano o Oh oh, oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba ba ba ba Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba Ɔdɔ ei, bɛgye Ɔdomankoma toffee Ɔdɔ ei, tɔfe Ɔdɔ ei
Writer(s): Kojo Antwi Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out